Publicidade

Atos 8

Wɔtaa Agyidifoɔ No

1 Saulo penee kum a wɔkum Stefano no so. Saa ɛda no ara, wɔtaa agyidifoɔ a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so maa ɛkaa asomafoɔ no nko ara. 2 Nyamesurofoɔ bi kɔfaa Stefano kɔsiee no. Wɔsuu no yie. 3 Esiane na Saulo ɔgu asafo no enti, ɔkɔɔ afie mu kɔkyekyeree agyidifoɔ mmarima ne mmaa de wɔn guu afiase.

Filipo Ka Asɛmpa No Samaria

4 Agyidifoɔ a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no baabiara a wɔkɔeɛ. 5 Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ no. 6 Ɛberɛ a nnipakuo no tee asɛm a Filipo reka na wɔhunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no, wɔn nyinaa tiee no. 7 Ahonhommɔne de nteateam firii nnipa bebree mu. Saa ara nso na mmubuafoɔ ne mpakye nso sɔre nanteeɛ. 8 Yei enti, anigyeɛ baa Samaria.

Simon Nkonyaayifoɔ No

9 Na ɔbarima bi te saa kuro yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifoɔ a ɛsiane ne nkonyaayie no enti, na Samariafoɔ pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho ɔdi mu. 10 Yei maa nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa gyee no too mu kaa , "Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ no." 11 Esiane ne nkonyaa a na ɔyi no enti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi. 12 Ɛberɛ a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn Ahennie ne Yesu Kristo din no ho diiɛ no, wɔbɔɔ mmarima ne mmaa nyinaa asu. 13 Simon nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔeɛ no, Simon dii nʼakyi. Anwanwadeɛ a ɔhunuiɛ no ma ne ho dwirii no.

14 Ɛberɛ a asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee Samariafoɔ agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. 15 Wɔduruu no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa agyidifoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Honhom Kronkron bɛba wɔn so, 16 ɛfiri , saa ɛberɛ no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so. 17 Afei, Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.

18 Simon hunuu asomafoɔ no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛmaa wɔnyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ , 19 "Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa bɛgu no so no anya Honhom Kronkron no bi."

20 Petro ka kyerɛɛ no , "Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, ɛfiri , wosusu wobɛtumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ no. 21 Wonni kyɛfa biara yɛn dwumadie yi mu, ɛfiri , wʼakoma mu nte Onyankopɔn anim. 22 Nu wo ho firi wo bɔne yi ho na mpaeɛ srɛ Onyankopɔn ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. 23 Mehunu anibereɛ bɔne ahyɛ wʼakoma mu ama bɔne afa wo dommum."

24 Simon srɛɛ Petro ne Yohane , "Mommɔ mpaeɛ mma me na saa nnome yi mu biara amma me so."

25 Ansa na Petro ne Yohane reduru Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no Samaria nkuraa bebree ase.

Filipo Ne Etiopiani No

26 Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Filipo , "Sɔre siesie wo ho anafoɔ ɛkwan a ɛfiri Yerusalem Gasa no so." 27 Ɛberɛ a Filipo rekɔ no, ɔhyiaa Etiopiani bi a ɔyɛ Etiopiahemmaa Kandake dabeni8.27 Dabeni: Obi a ɔhwɛ ɔhene anaa ɔhemmaa daberɛ ne nʼahodeɛ so. Na saa onipa yi akɔ asɔre Yerusalem a ɔte ne teaseɛnam mu resane nʼakyi akɔ efie. 28 Na ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no. 29 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo , "Twe bɛn no."

30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa , "Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?"

31 Dabeni no buaa no , "Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye obi kyerɛ me aseɛ." Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn ne teaseɛnam no mu.

32 Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi,

"Ɔte odwammaa a wɔrekɔku no.

Sɛdeɛ odwammaa dinn ne nwitwitwafoɔ anim no,

saa ara na wammue nʼano.

33 Nʼanimguaseɛ mu, wannya odimafoɔ.

Na hwan na ɔbɛka nʼasefoɔ ho asɛm?

Ɛfiri , wɔyii no firii asase yi so."

34 Dabeni no bisaa Filipo , "Odiyifoɔ no reka ne ho asɛm anaa obi foforɔ ho asɛm?" 35 Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no.

36 Wɔrekɔ no, wɔduruu asuo bi ho. Dabeni no ka kyerɛɛ Filipo , "Nsuo nie. Ɛdeɛn na ɛsi wo kwan wobɔ me asu?" 37 Filipo ka kyerɛ no , "wofiri wʼakoma mu gye di a, mɛbɔ wo asu." Dabeni no buaa no , "Megye di. Megye di Yesu Kristo Onyankopɔn Ba." 38 Dabeni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinaeɛ. Ɔne Filipo kɔɔ nsuo no ho maa ɔbɔɔ no asu. 39 Wɔfiri nsuo no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo firii dabeni no nkyɛn kɔeɛ. Wanhunu Filipo bio de, nanso ɔde anigyeɛ toaa nʼakwantuo no so. 40 Filipo kɔpuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no nkuro no mu kɔsii ɔkɔduruu Kaesarea.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-