36 Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ. 37 Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu na yadeɛ bɔɔ no maa ɔwuiɛ. Wɔdwaree no9.37 Amanneɛ bi a na Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa di so ne sɛ wɔdware funu ansa na wɔsie no. de no kɔtoo abansoro dan9.37 Sɛ wɔantumi ansie owufoɔ ntɛm a, amanneɛ ne sɛ wɔdeda no abansoro. Yerusalem de, da a obi bɛwu no ara na wɔsie no. Sɛ ɛnyɛ Yerusalem a, wɔtumi sie owufoɔ no ne nnansa so. bi mu. 38 Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no enti, asuafoɔ a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.
39 Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔeɛ. Ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛgyinagyinaa Petro ho suiɛ de ntadeɛ ne ntoma a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.