6 Homeda foforɔ bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. 7 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yadeɛ Homeda yi nso anaa. Deɛ na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ ɔbɛbu mmara no so, asa yadeɛ na wɔn nsa aka no akyere no. 8 Yesu hunuu wɔn adwene, nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, "Sɔre bɛgyina animu ha, na obiara nhunu wo." Ɔbarima no sɔre bɛgyinaa hɔ.
9 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Merebisa mo. Ɛdeɛn na mmara no ma ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yɛbɛgye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?"
10 Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiaeɛ na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, "Tene wo nsa." Na ɔtenee ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no.