Publicidade

Admiração

Por Bíblia Online

O temor do Senhor é o princípio da sabedoria. A admiração reverente por Deus é a postura que produz conhecimento, obediência e bênção na vida do crente.

Awurade suro nimdeɛ ahyɛaseɛ,

na nkwaseafoɔ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa.

Awurade suro nyansa ahyɛaseɛ

Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nteaseɛ.

Awurade suro kyerɛ onipa nyansa,

ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no

sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho.

wɔsuro Awurade ɛne wɔkyiri bɔne;

mekyiri ahantan ne ahomasoɔ,

ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.

Ahobrɛaseɛ ne Awurade suro

ma ahonya ne animuonyam ne nkwa.

Nnye wo ho nni woyɛ onyansafoɔ

suro Awurade na kyiri bɔne.

Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua

na ayɛ aduane ama wo nnompe.

Ɔbaa kɔnɔfoɔ nnaadaa, na ahoɔfɛ twam ntɛm so;

nanso ɔbaa a ɔsuro Awurade no fata nkamfoɔ.

Afei ne nyinaa atɔ asom;

nsɛm no awieeɛ nie:

Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so,

na onipa asɛdeɛ nyinaa nie.

Awurade suro nyansa mfitiaseɛ;

wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa nhunumu pa.

Ɔno na daa ayɛyie no.

Monkamfo Awurade.

Nhyira nka onipa a ɔsuro Awurade

na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii.

Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade,

na wɔnante nʼakwan so.

Nanso Awurade ani wɔn a wɔsuro no no so,

wɔn a wɔwɔ anidasoɔ ne a ɛnsa da no mu,

Onyankopɔn bɛhyira yɛn,

na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Nanso, mo a mode anidie ma me din no, tenenee awia bɛpue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mobɛpue na moahurihuri te anantwie mma a wɔabue wɔn afiri wɔn buo mu.

Monsuro Awurade

Enti Israel, ɛdeɛn na Awurade, mo Onyankopɔn, hwehwɛ afiri mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ mosuro no na moyɛ nʼapɛdeɛ, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa no na mosom no, na modi Awurade ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na asi mo yie.

Awurade, mo Onyankopɔn, na ɛsɛ modi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ mode obuo ne anidie ma no. Monni ne mmara so na monyɛ ɔsetie mma no; monsom no na momfam ne ho den.

Esiane na awogyefoɔ no nyamesurofoɔ enti, Onyankopɔn domm wɔn mma.

Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa yi nyinaa. Enti, momma yɛnte yɛn ho mfiri biribiara a ɛgu honam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase Onyankopɔn mu mfa nte yɛn ho kronn.

Enti, tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapadeɛ ho ka, na fa obuo ne anidie ma wɔn nyinaa.

"Deɛ nʼanidasoɔ asa no hia ne nnamfonom mpaeɛbɔ,

ɛnyɛ saa a, ɔbɛpa aba Otumfoɔ no suro ho.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-