Publicidade

Deuteronômio 13

Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ

1 odiyifoɔ anaa obi a ɔnam daeɛso so ka ahintasɛm sɔre mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm kyerɛ mo, 2 na nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwasɛm no ba mu na ɔka , "Momma yɛnni anyame foforɔ akyi (anyame a monnim wɔn) na yɛnsom wɔn" a, 3 monntie saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm. Awurade, mo Onyankopɔn, resɔ mo ahwɛ modɔ no firi mo akoma ne mo kra mu nyinaa anaa. 4 Awurade, mo Onyankopɔn, na ɛsɛ modi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ mode obuo ne anidie ma no. Monni ne mmara so na monyɛ ɔsetie mma no; monsom no na momfam ne ho den. 5 Ɛsɛ wɔkum saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, ɛfiri , ɔkasa tia Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho ɔpɛ ɔtwe mo firi ɛkwan a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛ momfa so no so. Ɛsɛ motutu abɔnefoɔ nyinaa firi mo mu.

6 wo nuabarima, wo babarima, wo babaa, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase ba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo , "Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ, anyame a wo anaa wʼagyanom nhunuu bi da," 7 anyame a ɛyɛ nnipa a atwa wo ho ahyia dea, wɔbɛn anaa wɔwɔ akyiri firi asase ano kɔsi ano no a, 8 mfa wo ho mma no, anaasɛ ntie no. Nhunu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso. 9 Kum na ɛsɛ wokum no. Fa wo nsa di ɛkan kum no ansa na nnipa nyinaa de wɔn nsa abɛka ho. 10 Monsi no aboɔ nku no, ɛfiri , ɔpɛɛ ɔtwe wo firi Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no ho. 11 Afei, Israel nyinaa bɛte na wɔasuro na obiara nni a ɔbɛfiri mo mu a, ɔbɛyɛ saa adeɛ no bio.

12 ɛba mote nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no baako so 13 nnipa bɔnefoɔ bi asɔre wɔn mu adi nnipa a wɔwɔ kuro no mu anim de wɔn akɔsi bɔne mu aka , "Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ," anyame a monhunuu bi da a, 14 ɛsɛ mobisa mu, hwehwɛ mu yie. Na ɛyɛ nokorɛ na nhwehwɛmu ada no adi nnebɔneyɛ bi akɔ so mo mu a, 15 ɛsɛ wɔde akofena kunkum wɔn a wɔwɔ kuro no mu nyinaa. Monsɛe kuro no pasapasa, emu nnipa ne afieboa. 16 Afei, mommoaboa asadeɛ no nyinaa ano kuro no adwabɔeɛ na monhye no. Monhye kuro mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Saa kuro no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ wɔsane kyekyere bio. 17 Asadeɛ a wɔde agu nkyɛn wɔbɛsɛe no no, mommfa bi. moyɛ saa a, Awurade bɛdane afiri nʼabufuhyeɛ no ho na wahunu mo mmɔbɔ. Ne yam bɛhyehye no ama mo na wama mo adɔre sɛdeɛ ɔkaa ntam hyɛɛ mo agyanom no, 18 ɛfiri , moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn, na modi ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na moyɛ deɛ ɛsɔ nʼani.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-