Publicidade

Comunhão com Deus

Por Bíblia Online

A comunhão com Deus é o propósito supremo da existência humana. Fomos criados para viver em intimidade com o Criador — e em Cristo, esse acesso é plenamente restaurado.

Em comunhão com Deus

Deus é fiel, pelo qual fostes chamados à comunhão de seu Filho. A comunhão com Deus é dom da graça e fruto da redenção.

Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no ɔnokwafoɔ.

Nokorɛm, monim moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu!

Nipadua Korɔ

Kristo te nipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwom ɛwɔ akwaa bebree, nanso ɛyɛ onipadua korɔ no ara.

Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.

Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka ,

"Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie

na matena wɔn mu;

mɛyɛ wɔn Onyankopɔn

na wɔayɛ me nkurɔfoɔ."

obi Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ, na nneɛma dada nyinaa atwam ama nneɛma foforɔ aba. Onyankopɔn ayɛ ne nyinaa. Ɔsomaa Kristo ɔmmɛpata ɔne yɛn ntam na ɔde ɔne afoforɔ ntam mpata dwumadie no ahyɛ yɛn nsa. Asɛm a wɔde abrɛ yɛn ne , Onyankopɔn nam Kristo so afa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na ɔde nʼasomdwoeɛ asɛnka ho dwumadie no ahyɛ yɛn nsa.

Presença divina

Eis que estou à porta e bato. O Senhor fez sua morada entre nós — e toda a criação é convidada à comunhão eterna.

Tie! Megyina ɛpono no akyi rebɔ mu; obi te me nne na ɔbue ɛpono no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.

Metee nne denden bi firi ahennwa no so , "Afei, Onyankopɔn atenaeɛ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn.

Na mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Onyankopɔn,

Na deɛ baanu anaa baasa ahyia me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini."

"Memmɔ mpaeɛ mma wɔn nko. Mebɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔnam asuafoɔ asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso. Mebɔ mpaeɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛdeɛ wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara nso na ma wɔntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ewiase bɛgye adi , wo na wosomaa me. Mede animuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nso, wɔbɛyɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no. Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa bɛyɛ baako na ewiase ahunu , wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no

Viver na comunhão

Quem permanece nele e ele no Senhor, esse dá muito fruto. A comunhão com Deus produz transformação e alegria.

Obiara a ɔdi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na yei na ɛma yɛhunu Onyankopɔn te yɛn mu. Yɛnim no saa ɛsiane Honhom a wama yɛn no enti.

Yɛnim Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahunu nokorɛ Onyankopɔn no. Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔma daa nkwa no.

Yei na ɛma yɛhunu pefee yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom.

Onyankopɔn Ɔdɔ

Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho ɛfiri , ɔdɔ firi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no Onyankopɔn ba na ɔnim Onyankopɔn nso.

Yɛkaa deɛ yɛhunuiɛ na yɛteeɛ no kyerɛɛ mo nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne yɛn bɛnya ayɔnkofa ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo no mu.

Me mma, montena ne mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔba a, yɛbɛnya akokoɔduru na yɛmfa aniwuo nkɔ hinta da a ɔbɛba no.

Asomdwoeɛ Ne Anigyeɛ

Afei a ɛnam gyidie so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoeɛ. Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye anidasoɔ mu yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam.

Momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a emu den ntwe mmɛn Onyankopɔn. Ɛfiri wɔde Yesu mmogya ate yɛn atiboa bɔne ho, na wɔde nsuo a ɛyɛ kronn adware yɛn onipadua ho.

Enti, momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Monsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo ho. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfoɔ! Monte mo akoma mu, mo a mo adwene ntanta!

Seja o primeiro
Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-