Honestidade
A honestidade é virtude cristã fundamental. Deus é Deus de verdade e nos chama a viver com integridade, transparência e retidão em todos os nossos relacionamentos e negócios.
Integridade diante de Deus
O Senhor abomina a balança falsa, mas o peso justo é seu prazer. A integridade dos justos os guia pelos caminhos retos.
Awurade kyi asisi nsania,
na nʼani gye nokware nkaribo ho.
Teefo nokwaredi kyerɛ wɔn kwan;
nanso nkontompofo ano ntanta sɛe wɔn.
Teefo nokwaredi kyerɛ wɔn kwan;
nanso nkontompofo ano ntanta sɛe wɔn.
Ɛno na wobɛte nea eye ne nea ɛyɛ pɛ,
ne nea ɛfata, ɔkwan biara a eye ase.
Sɛ woyɛ ade pa ne ade a ɛteɛ a,
ɛsɔ Awurade ani sen afɔrebɔ.
Hwɛ wʼanim tee,
na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so.
Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwu nneyɛe nyinaa. Yɛnnaadaa na yentwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma onnye nea Kyerɛwsɛm no nkae no nni. Yegyaee saa aniwude no nyinaa. Yegyina Onyankopɔn anim kasa nti yɛka nokware ma wɔn a wonim yɛn no nyinaa gye di.
Yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ nea eye wɔ Awurade ne nnipa anim.
Praticar a honestidade
Falai a verdade, pagai o que deveis, não negueis ao próximo o bem. A honestidade prática é testemunho do evangelho.
Munnnidi atoro nkyerɛ mo ho mo ho, efisɛ moatow nipadua dedaw ne ne su no akyene
Enti tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapade ho ka, na fa obu ne nidi ma wɔn nyinaa.
Eyi nti na ɛsɛ sɛ wutua tow, efisɛ sɛ atumfo no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn.
Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ nea ɛbɛma nnipa de nidi ama mo.
Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,
bere a tumi wɔ wo nsam.
Kakraa bi a wɔnam trenee kwan so nya no ye
sen mfaso pii a wɔnam ntɛnkyew so nya.
Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo,
nanso trenee gye onipa fi owu mu.
Confissão e transparência
Confessai as vossas ofensas uns aos outros. Quem confessa e deixa o pecado encontra misericórdia e restauração.
Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso,
na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ.
Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpae mma mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsa mo yare. Onipa trenee mpaebɔ tumi yɛ nneɛma bebree.
Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka "Yiw" a, monka "Yiw." Sɛ nso mopɛ sɛ moka "Dabi" a, monka "Dabi" na moamma Onyankopɔn atemmu ase.
Nanso nyansa a efi ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛpɛ asomdwoe; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso.
Na sɛ afei yɛka se yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa bere koro no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atoro wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe mu.
Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛe so da ne ho adi.
Coração puro
Bem-aventurados os puros de coração, porque verão a Deus. A honestidade começa no interior e se manifesta nas ações.
Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew,
na wɔn na wobehu Onyankopɔn.
Yɛ komm wɔ Awurade anim na tɔ wo bo ase twɛn no,
nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye ho
efisɛ wɔnam bɔne akwan so.
Yiyedi bɛba wɔn a wɔn tirim yɛ mmerɛw na wɔde fɛm kwa,
wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ wɔn nneɛma no so.
Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.
Kanea Ho Bɛ
"Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutuw so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no.
Ɔbɔnefo anosɛm yi no sɛ afiri,
nanso ɔtreneeni nya ne ho tetew wɔ ahohia mu.
Ɔdanseni nokwafo di adanse turodoo,
na nea odi adansekurum no twa nkontompo.
Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba,
na ɔsututufo tetew nnamfonom ntam.