Sabedoria
A sabedoria é um dos temas mais ricos da Bíblia. O temor do Senhor é seu princípio, e buscá-la vale mais que ouro ou prata. Deus promete dar sabedoria generosamente a quem pedir com fé.
O princípio da sabedoria
O temor do Senhor é o início de toda sabedoria verdadeira. Quem reverencia a Deus aprende a viver com discernimento e prudência.
Awurade suro yɛ nimdeɛ mfiase,
na nkwaseafo bu nyansa ne ahohyɛso animtiaa.
Awurade suro yɛ nyansa mfiase
Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ ntease.
Awurade suro kyerɛ onipa nyansa,
ahobrɛase di anuonyam anim.
Awurade suro yɛ nyansa mfiase;
wɔn a wodi nʼahyɛde so nyinaa wɔ nhumu pa.
Ɔno na daa ayeyi wɔ no.
"Nanso ɛhe na yebehu nea nyansa hyɛ?
Ɛhe na ntease te?
Onipa renhu ne bo a ɛsom;
wɔrenhu wɔ ateasefo asase so.
Na ebun ka se, ‘Enni me mu’;
na po nso se, ‘Enni me nkyɛn.’
Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ ankasa ntɔ,
na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne bo.
Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ
apopobibiribo anaa hoabo nso saa ara.
Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho,
na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinne nsesa.
Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahene panyin ne ahwehwɛbo din;
nyansa bo sen nhene pa.
Etiopia akraatebo ne no nsɛ;
wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronkron ntɔ.
"Ɛno de, na ɛhe na nyansa fi?
Ɛhe na ntease te?
Wɔde asie abɔde biara ani,
wɔde asie wim nnomaa mpo.
Ɔsɛe ne Owu ka se,
‘Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.’
Sabedoria como dom de Deus
A verdadeira sabedoria vem do alto. Deus a concede generosamente a quem pede com fé, sem lançar em rosto a fraqueza humana.
Sɛ nyansa) ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa.
Sɛ nyansa) ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa.
Sɛ nyansa) ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa.
Awurade ma nimdeɛ,
na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba.
Awurade ma nimdeɛ,
na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba.
na woma wo nne so frɛ nhumu
na wusu frɛ ntease,
ɛno na wobɛte Awurade suro ase
na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Nyankopɔn,
efisɛ, woama me nyansa ne tumi,
woaka nea yebisaa wo akyerɛ me,
ada nea ɔhene bisae no adi akyerɛ yɛn."
se,
"Ayeyi nka Onyankopɔn din daa nyinaa,
ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.
Na mmerantewa baanan yi Nyankopɔn maa wɔn nhomanim ne nyansahu nyinaa mu nimdeɛ, na Daniel nyaa anisoadehu ne dae nkyerɛase ho nimdeɛ.
A sabedoria do alto
A sabedoria que vem de Deus é pura, pacífica, amável, cheia de misericórdia e de bons frutos. Ela se opõe à sabedoria terrena e mundana.
Nanso nyansa a efi ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛpɛ asomdwoe; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso.
Nanso nyansa a efi ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛpɛ asomdwoe; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso.
Nanso nyansa a efi ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛpɛ asomdwoe; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso.
Nyansa A Efi Ɔsoro
Obi wɔ mo mu a onim nyansa na ɔwɔ ntease? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛase ne nyansa so, da no adi.
Onyankopɔn Nyansa
Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ Honhom mu. Nanso saa nyansa no nyɛ wiase nyansa anaa wiase yi mu tumi ahorow a wɔn tumi resa no. Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahintaw nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dedaw sɛ yɛn anuonyam ahyɛde ansa na wɔrebɔ wiase.
Nanso yɛn de, yɛka Kristo wu a owui wɔ asennua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafo abufuw na ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufo; nanso Yudafo ne amanamanmufo a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa. Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sen nnipa nyansa, na saa ara nso na nea ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sen nnipa ahoɔden.
Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ wiase yi mu onyansafo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafo.
Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ wiase yi mu onyansafo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafo.
Me botae ne sɛ wobenya nkuranhyɛ wɔ wɔn koma mu, na wɔatena ase ɔdɔ mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ntease a ewie pɛyɛ. Na wobehu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no. Ɔno so na wɔnam hu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene.
Direção e discernimento
Deus guia os humildes na justiça e ensina seu caminho aos mansos. Ele promete dirigir nossos passos quando confiamos nele de todo o coração.
Fa wo koma nyinaa to Awurade so,
na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;
hu no wʼakwan nyinaa mu,
na ɔbɛteɛ wʼakwan.
Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafo;
suro Awurade na kyi bɔne.
Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so
metu wo fo na mahwɛ wo so.
Ɔde ahobrɛasefo fa ɔkwan pa so
na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛde.
Kyerɛ me wʼakwan, Awurade,
na minhu wʼatempɔn.
Fa wo nokware no so kyerɛkyerɛ me,
efisɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefo,
na mʼani da wo so daa nyinaa.
Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a,
ɔma nʼanammɔntu si pi.
Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,
na mede me ho ato wo so.
Kyerɛ me ɔkwan a memfa so,
na wo na mema me kra so kyerɛ.
Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde,
na wo ne me Nyankopɔn;
ma wo honhom pa no
nkogya me asasetaw so.
Awurade, wo din nti, kyɛe me nkwa so;
wo trenee mu, yi me fi ɔhaw mu.
Kyerɛ me wʼakwan, Awurade;
fa me fa ɔkwan tee so,
me nhyɛsofo nti.
A Palavra como fonte de sabedoria
A Palavra de Deus é lâmpada para os pés e luz para o caminho. Meditar nas Escrituras nos dá entendimento superior ao dos mestres.
Awurade Mmara Yɛ Kanea
Wʼasɛm yɛ mʼanan ase kanea
ne me kwan so hann.
Awurade Mmara Yɛ Kanea
Wʼasɛm yɛ mʼanan ase kanea
ne me kwan so hann.
Bue mʼani na minhu anwonwade a
ɛwɔ wo mmara no mu.
Wo nsɛm asete ma hann;
na ɛma ntetekwaa nya ntease.
Nhyira ne onipa a
ontie amumɔyɛfo afotu
na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi
na ɔntena fɛwdifo tenabea.
Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,
na osusuw ho awia ne anadwo.
Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn.
Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan;
sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo;
sɛ wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.
Sabedoria prática para o dia a dia
A sabedoria se aplica em cada decisão: nas finanças, nos relacionamentos, no trabalho e no uso do tempo. Vivamos como sábios, não como insensatos.
Enti monhwɛ mo akwan yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wonim nyansa. Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne.
Enti monhwɛ mo akwan yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wonim nyansa. Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne.
Tie afotu na gye nkyerɛkyerɛ to mu,
na awiei no, wubehu nyansa.
Tie afotu na gye nkyerɛkyerɛ to mu,
na awiei no, wubehu nyansa.
Nea onya nyansa no dɔ ne kra;
nea ɔpɛ nhumu no nya nkɔso.
Pɛ afotu yɛ wo nhyehyɛe;
sɛ wutu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.
nea ɔretu sa hia akwankyerɛ,
nea ɔrehwehwɛ nkonimdi no hia afotufo pii.
Onipa a ɔwɔ abodwokyɛre wɔ ntease a mu dɔ,
na nea ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.
Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba,
na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu.
Nea ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,
nanso nea ɔkasa a onsusuw ho no bɛba ɔsɛe mu.
Ɔkwasea akwan teɛ nʼani so,
na onyansafo tie afotu.
Ahantan ba a, animguase na edi so,
nanso ahobrɛase de nyansa ba.
Koma mu nyansafo tie ɔhyɛ nsɛm,
na ɔkwasea kasafo hwe ase.
Nhumu koma nya nimdeɛ;
na anyansafo aso nso hwehwɛ.
Ɔkwasea nni nhumu ho anigye,
na mmom nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto gua.
Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wobu no sɛ onyansafo,
na sɛ omua nʼano a wobu no sɛ ɔwɔ nhumu.
anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho,
na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a
Bere biara a mubenya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyidifo ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu. Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuae pa.
Bere biara a mubenya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyidifo ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu. Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuae pa.
Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so ade. Mo nsa bɛka ade a ɔde asie ama ne nkurɔfo no bi. Kristo ne owura a mosom no.
O valor da sabedoria
A sabedoria é mais preciosa que rubis. Quem a encontra, encontra a vida e alcança o favor do Senhor. Nada se compara a ela.
Nhyira nka onipa a ohu nyansa,
onipa a onya ntease,
Na obiara a ohu me no nya nkwa,
na onya anisɔ fi Awurade nkyɛn.
Eye sɛ wubenya nyansa sen sɛ wubenya sikakɔkɔɔ,
sɛ wubenya nhumu sen sɛ wubenya dwetɛ!
Onipa yɛ ne nhyehyɛe wɔ ne koma mu,
nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntu.
Koma mu nhyehyɛe yɛ onipa de,
na tɛkrɛma mmuae fi Awurade.
Sɛnea nimdeɛ yɛ bammɔ no,
saa ara na sika nso te;
nanso nhumu ho ade a eye ne sɛ:
nea ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.
Nka se, "Adɛn nti na tete nna no ye sen nnɛ mmere yi?"
Onyansafo mmisa nsɛm sɛɛ.
Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigye, nanso omumɔyɛfo de, ɔma ɔboaboa ahonyade ano ma nea ɔsɔ Onyankopɔn ani. Eyi nso yɛ ahuhude, sɛnea wɔde mmirikatu taa mframa no.
Nea wo nsa bɛso so biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ ɔda a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwennwene, nhumu ne nimdeɛ nni hɔ.
A sabedoria e a soberania de Deus
Os caminhos de Deus são mais altos que os nossos. Sua sabedoria é insondável, eterna e infinitamente superior ao entendimento humano.
Sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no,
saa ara na mʼakwan korɔn sen mo akwan
na mʼadwene nso korɔn sen mo adwene.
"Na mʼadwene nyɛ mo adwene,
na mo akwan nso nyɛ mʼakwan,"
sɛnea Awurade se ni.
Wunnim ana?
Wontee ana?
Awurade yɛ daapem Nyankopɔn,
na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo.
Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw,
na ne nhumu nni nhwehwɛmu.
Wunnim ana?
Wontee ana?
Awurade yɛ daapem Nyankopɔn,
na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo.
Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw,
na ne nhumu nni nhwehwɛmu.
Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma
sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfo den.
Onyan me anɔpa biara,
na obue mʼaso ma mitie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.
Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To Misraim So No Nnue
Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ mmoa,
wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,
wɔn a wogye wɔn nteaseɛnam dodow
ne wɔn apɔnkɔsotefo ahoɔden mmoroso no di,
na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,
anaasɛ wɔmpɛ mmoa mfi Awurade hɔ.
Nanso Awurade yɛ onyansafo a obetumi de ɔhaw aba;
ɔnsesa nʼano.
Ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo fi,
ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfo.
Eyinom nyinaa fi Asafo Awurade,
afotu mu nwonwani,
na ne nyansa boro so.
Awurade Honhom bɛtena ne so,
nyansa ne ntease Honhom,
afotu ne tumi Honhom,
nimdeɛ ne Awurade suro Honhom,
Na nʼani begye wɔ Awurade suro mu.
Ɛnyɛ nea ɔde nʼani hu so na obegyina abu atɛn,
anaa nea ɔde nʼaso bɛte so na obegyina asi gyinae;
Awurade bɛkyerɛ mo kwan bere biara;
ɔbɛma mo nea ehia mo wɔ asase wosee so
na ɔbɛhyɛ mo nipadua den.
Mobɛyɛ sɛ turo a wogugu so nsu yiye,
sɛ asuwa a mu nsu nyow da.
Awiei
Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a mu dɔ!
Hena na obetumi ahu nʼatemmu mu pɛɛpɛe,
na wahu nea nʼakwan nenam.
Ɔno, Onyankopɔn nyansafo no na anuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen.
Yɛsen Nkonimdifo
Yenim sɛ ade nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ewie wɔn yiye. Edi boa wɔn a ɔnam nʼatirimpɔw so afrɛ wɔn.
Awurade, wo nnwuma dɔɔso!
Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa;
wʼabɔde ahyɛ asase so ma.
Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛse;
yɛrente nʼase nwie.
Wode wʼafotu kyerɛ me kwan;
na akyiri no, wode me bɛkɔ anuonyam mu.
Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte,
na yɛanya nyansa koma.
Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm,
na ne tɛkrɛma ka nea ɛteɛ.
Ma wʼani nnye wɔ Awurade mu
na wama wo nea wo koma pɛ.
Awurade kyerɛ me kwan
wɔ wo trenee mu
mʼatamfo nti,
bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.
Woakyerɛ me nkwagye kwan,
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,
na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so.
Wɔde osu na ɛbɛba;
wɔbɛbɔ mpae bere a mede wɔn resan aba no.
Mede wɔn bɛfa nsuwa ho;
ɔkwan tamaa a wɔrenhintiw wɔ so,
efisɛ mɛyɛ Israel agya,
na Efraim yɛ me babarima piesie.
Yeremia Mpaebɔ
Awurade, minim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne de;
na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntu.
Nanso Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase;
ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu,
na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.
Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,
na wunnim nea ɛda bi de bɛba.
Abɔnefo nte atɛntrenee ase,
nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te ase yiye.
Anuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ nea yebisa anaa nea yesusuw ma ɛboro so. Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfi nnɛ nkosi daa daa. Amen.
Kɔkɔbɔ A Etwa To
Nsra a ɛto so abiɛsa a merebɛsra mo ni. Kyerɛwsɛm no ka se, "Adanse a nnipa baanu anaa baasa bedi no na ɛsɛ sɛ wɔfa."
Onyankopɔn Asotwe Fata Yɛn
Mo werɛ afi nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo, sɛnea agya kasa kyerɛ ne mma no? Se,
"Me ba, sɛ Awurade teɛ wo a, tie no yiye,
na sɛ ɔka wʼanim a, mpa abaw.
Efisɛ obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso
sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no."
Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ nea ɛyɛ nokware, nea ɛwɔ anuonyam, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.
Enti munnnwinnwen ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de nea ehia mo no bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.
Atemmuda no, Sebahemmea bɛsɔre atia ɔman yi, efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.
"Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so.
Efisɛ mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode beyi mo ho ano a mo atamfo rentumi nnyina mo anim.
Mummmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a muhu no yiye ansa na moabu ho atɛn."
Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem,
na ntease mu na ɔde ɔsoro tim hɔ.
Wonnya nyansa mfi mpanyin nkyɛn,
na ɛnyɛ onyinkyɛ na ɛde ntease ba ana?
"Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn de;
afotu ne ntease yɛ ne dea.
Hiob Bua Bildad
Na Hiob kasaa bio se:
"Yiw, minim sɛ eyi yɛ nokware.
Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani bɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim?
Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi ano a,
ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.
Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so.
Hena na ɔne no adi asi na ne ho baabiara anti?
Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa.
Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo hɔ?
Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu,
na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.
hyɛɛ wɔn se, "Atɛn biara a mubebu no bere biara no, munnwen ho yiye. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade a ɔbɛka mo ho biara a ɛbɛba sɛ mubu ho atɛn no ani.
Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena. Mote sɛ omununkum a ɛba bere tiaa bi na ɛyera.