Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 37

Dawid dwom.

1 Nhaw wo ho, nnebɔneyɛfo nti;

mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne;

2 Wɔte sare, ɛrenkyɛ na ahyew,

wɔte dua amono, ɛrenkyɛ na awu.

3 Fa wo ho to Awurade so na papa.

Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoe adidibea .

4 Ma wʼani nnye Awurade mu

na wama wo nea wo koma .

5 Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;

na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ:

6 ɔbɛma wo treneeyɛ ahyerɛn adekyee,

na wʼatɛntrenee ayɛ owigyinae.

7 komm Awurade anim na wo bo ase twɛn no,

nhaw wo ho wɔn a asi wɔn yiye ho

efisɛ wɔnam bɔne akwan so.

8 Mma wo bo mmfuw na gyae abufuwhyew;

nhaw wo ho, ekowie bɔne nko ara.

9 Wobetwa nnebɔneyɛfo agu,

nanso wɔn a wɔn ani da Awurade so no

wobenya asase no adi so.

10 Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera.

Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhu wɔn.

11 Nanso ahobrɛasefo benya asase no adi so

na wɔanya asomdwoe mmoroso.

12 Amumɔyɛfo pɔw bɔne tia atreneefo

na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;

13 nanso Awurade serew amumɔyɛfo,

na onim wɔn nna abɛn.

14 Amumɔyɛfo twe afoa

na wokuntun wɔn ta mu

wobekum ahiafo ne mmɔborɔfo,

wobekum wɔn a wɔn akwan teɛ.

15 Nanso wɔn afoa bɛwowɔ wɔn ankasa koma mu,

na wɔn ta mu abubu.

16 Kakra a atreneefo no som bo

sen amumɔyɛfo bebree ahonya;

17 efisɛ amumɔyɛfo ahoɔden bɛsa

nanso Awurade bɛwowaw atreneefo.

18 Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,

na wɔn agyapade bɛtena daa.

19 Ahohiahia bere mu wɔremmrɛ.

Ɔkɔm bere mu wobenya ama abu so.

20 Nanso amumɔyɛfo bɛyera.

Awurade atamfo bɛyɛ nwura mu nhwiren;

wobetu ayera wusiw.

21 Amumɔyɛfo bosea, na wontua,

nanso ɔtreneeni de ahummɔbɔ ma;

22 Wɔn a Awurade ahyira wɔn no benya asase no adi so,

na wobetwa wɔn a ɔdome wɔn no agu.

23 Awurade ani onipa akwan a,

ɔma nʼanammɔntu si pi.

24 ohintiw a ɔrenhwe ase,

efisɛ Awurade kura no ne nsam.

25 Na meyɛ aberante, na mprempren mabɔ akwakoraa,

na minhuu ɔtreneeni a Awurade apa nʼakyi

anaasɛ ne mma resrɛ aduan.

26 Bere biara ɔyɛ adɔe, na ɔde fɛm kwa;

na ne mma benya nhyira.

27 Twe wo ho fi bɔne ho na papa

na wobɛtena asase no so afebɔɔ.

28 Efisɛ, Awurade nea ɛteɛ,

na ɔrennyaw ne nkurɔfo anokwafo no.

Wobenya bammɔ daa nyinaa.

Nanso amumɔyɛfo asefo de, wobetwa wɔn agu.

29 Atreneefo benya asase no adi so

na wɔatena so afebɔɔ.

30 Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm,

na ne tɛkrɛma ka nea ɛteɛ.

31 Ne Nyankopɔn mmara ne koma mu;

wɔn anan nwatiri.

32 Amumɔyɛfo tetɛw atreneefo

hwehwɛ wobekum wɔn,

33 nanso Awurade nnyaa wɔn mma wɔn,

na ɔremma wommu wɔn kumfɔ asennii.

34 Montwɛn Awurade

na monhwɛ nʼakwan.

Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;

wotwitwa amumɔyɛfo no gu a, mubehu.

35 Mahu omumɔyɛfo a ɔyɛ basabasa

ɔredi yiye dua amono a esi asase pa so,

36 nanso ankyɛ na nʼawiei bae a wonhu no bio;

mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

37 Susuw nea ɔyɛ ho, na hwɛ nea ɔteɛ;

na asomdwoe nipa benya asetena pa daakye.

38 Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfo nyinaa;

na wɔbɛtɔre wɔn asefo ase.

39 Atreneefo nkwagye fi Awurade

ɔne wɔn aban amanehunu bere mu.

40 Awurade boa wɔn na ogye wɔn;

oyi wɔn fi amumɔyɛfo nsam, na ogye wɔn nkwa,

efisɛ wohintaw ne mu.

Veja também