Todo poderoso
Deus é Todo-Poderoso — onipotente, onisciente e onipresente. Nada está além do seu alcance, nada escapa ao seu conhecimento e nada foge ao seu controle soberano.
O poder soberano de Deus
O Senhor reina sobre todas as coisas. Desde a criação do universo até os detalhes da nossa vida, seu poder se manifesta de forma absoluta e inesgotável.
"Ao, Otumfoɔ Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woatene muo so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo.
"Mene Awurade adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me anaa?
Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ;
obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.
Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam,
nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade.
Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea,
Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo.
Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ.
Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara,
ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ.
Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam
na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden.
Ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ ewiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nneɛma yi, enti wɔnni anoyie biara.
Nada é impossível para Deus
Para Deus não há impossíveis. O que parece inalcançável aos nossos olhos é plenamente realizável nas mãos do Todo-Poderoso.
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no yɛ."
Ɔkaa sɛ, "Abba, Agya! Wotumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ deɛ mepɛ."
Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefoɔ;
ɔbrɛ obi ase na wapagya obi.
Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi,
na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu;
hann atwa ne ho ahyia.
O Rei eterno
Deus é o Rei eterno, imortal, invisível, único Deus sábio. Seu trono é desde a eternidade e seu reino não terá fim.
Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, "Mene Alfa ne Omega). a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no."
Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.
Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade dea;
ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no;
Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, gye yɛn bio,
na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,
na wɔagye yɛn nkwa.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto sɛ "gittit" sankuo nne so.
Refúgio no Todo-Poderoso
O poder de Deus é nosso abrigo. Em tempos de tempestade, podemos descansar na certeza de que Ele sustenta e protege os seus.
Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea
bɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu.
Mɛse Awurade sɛ, "Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ,
me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ."
Ansa na mɛbue mʼano akasa no
Ao Awurade, na wonim ne nyinaa dada.
Deɛ ɛtwa toɔ ne sɛ, monyɛ den wɔ ne ne tumi kɛseɛ no mu.
Megye medi ampa sɛ owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.
Me mma, mofiri Onyankopɔn mu na moadi atorɔ adiyifoɔ no so, ɛfiri sɛ, Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sene honhom a ɛwɔ ewiase yi mu.
Mɛhyira wɔn ne mmea mmea a atwa me kokoɔ ho ahyia. Mɛtɔ bosuo wɔ ne berɛ mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosuo.