36 Eduu bere a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummere afɔre, sɛnea wɔn amanne kyerɛ no, odiyifo Elia kɔɔ afɔremuka no so, bɔɔ mpae se, "Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn, kyerɛ nnɛ sɛ woyɛ Nyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo somfo. Kyerɛ sɛ, nea mereyɛ yi nyinaa fi wo. 37 Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhu sɛ, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asan aba wo nkyɛn."