11 Awurade ka kyerɛɛ no se, "Fi adi kogyina mʼanim wɔ bepɔw no so." Na bere a Elia gyina hɔ no, Awurade bɛfaa hɔ, na mframa dennen bi bɔ sii bepɔw no mu.
Na mframa no ano den no twitwaa abotan no mu. Nanso na Awurade nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosowee. Nanso na Awurade nni asasewosow no mu.