Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 19:4-9

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

4 na nʼankasa nantew da mu nyinaa kɔɔ sare so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmfrɔm ase, na ɔbɔɔ mpae sɛ anka onwu. Ɔkae se, "Nea mahu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na minnye nsen mʼagyanom."

5 Na ɔdaa dua no ase.

Na ne nna mu no, ɔbɔfo bɛkaa no, ka kyerɛɛ no se, "Sɔre na didi." 6 Ɔhwɛɛ ne ho hyia huu brodo bi a wɔato no nnyansramma so, ne kuruwa a nsu wɔ mu. Enti odidii, nom nsu no, san daa bio.

7 Na Awurade bɔfo no san baa bio bɛkaa no kae se, "Sɔre na didi pii ka ho, na ɔkwan a ɛda wʼanim no ware." 8 Enti ɔsɔre didi nomee. Aduan no maa no nyaa ahoɔden a ɔde betwa kwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb19.8 Herob yɛ Sinai Bepɔw no din foforo a ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw no so. 9 Okoduu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no.

Awurade Kasa Kyerɛ Elia

Na Awurade bisaa no se, "Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?"

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    4 Na ɔno nko ara nantee da mu nyinaa kɔɔ ɛserɛ so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmm ase, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ anka ɔnwu. Ɔkaa sɛ, "Deɛ mahunu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na mennyɛ nsene mʼagyanom."

    5 Na ɔdaa dua no ase.

    Na ne nna mu no, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, "Sɔre na didi." 6 Ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ hunuu burodo bi a wɔato no ogyasramma so, ne kuruwa a nsuo wɔ mu. Enti, ɔdidiiɛ, nom nsuo no, sane daa bio.

    7 Na Awurade ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa no kaa sɛ, "Sɔre na didi pii ka ho, na ɛkwan a ɛda wʼanim no ware." 8 Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb19.8 Herob yɛ Sinai Bepɔ no din foforɔ a ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so. 9 Ɔkɔduruu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no.Awurade

    Na Awurade bisaa no sɛ, "Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?"

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.