4 Na ɔno nko ara nantee da mu nyinaa kɔɔ ɛserɛ so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmm ase, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ anka ɔnwu. Ɔkaa sɛ, "Deɛ mahunu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na mennyɛ nsene mʼagyanom."
5 Na ɔdaa dua no ase.
Na ne nna mu no, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, "Sɔre na didi." 6 Ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ hunuu burodo bi a wɔato no ogyasramma so, ne kuruwa a nsuo wɔ mu. Enti, ɔdidiiɛ, nom nsuo no, sane daa bio.
7 Na Awurade ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa no kaa sɛ, "Sɔre na didi pii ka ho, na ɛkwan a ɛda wʼanim no ware." 8 Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb19.8 Herob yɛ Sinai Bepɔ no din foforɔ a ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so. 9 Ɔkɔduruu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no.
Awurade Kasa Kyerɛ Elia
Na Awurade bisaa no sɛ, "Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?"