19 Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebehyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahengua so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa agua mmrɛ ɔhene na, na ɔtenaa ɔhene nifa so.
20 Ɔka kyerɛɛ ɔhene se, "Mewɔ ade ketewaa bi srɛ wo, na mfa nkame me."
Ɔhene no buaa no se, "Ka, me na. Meyɛ ama wo."