Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Reis 3

Salomo Srɛ Nyansa

1 Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ apam, nam so waree ne babea. Ɔde no bɛtenaa Dawid kurom, kosii osii nʼahemfi sii Awurade Asɔredan, na ɔtoo Yerusalem ho fasu nso wiei. 2 Saa bere no mu, na Israelfo afɔre sorɔnsorɔmmea, efisɛ na wonsii asɔredan, mfaa Awurade din ntoo so ɛ. 3 Salomo kyerɛɛ ne a ɔwɔ ma Awurade, efisɛ na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔre sorɔnsorɔmmea , hyew aduhuam nso.

4 Gibeon na na afɔremuka no mu atitiriw , ɛhɔ na Salomo kɔbɔɔ ɔhyew afɔre apem afɔremuka so. 5 Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo dae mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, "Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo."

6 Salomo kae se, "Woada adɔe kɛse pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, efisɛ na odi wo nokware, ɔtreneeni a ne koma mu nso da . Woatoa so ayɛ no saa adɔe kɛse yi ara, na nnɛ yi ara, woama no ɔbabarima ɔntena nʼahengua nso so.

7 "Afei, Awurade, me Nyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene,3.7 Salomo dii ade sɛ ɔhene no, na wadi bɛyɛ mfe aduonu. minsi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abofra ketewaa bi a minnim sɛnea mesi ayɛ mʼadwuma. 8 Ɛha na wʼakoa abedu nnipa a woapaw wɔn no mu; nnipa a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn. 9 Ɛno nti, ma wʼakoa nhumu koma a obetumi de adi wo nkurɔfo so, na obetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Na hena koraa na ɔno nko ara betumi adi saa ɔman a wodi mu, a wɔyɛ wo de yi so?"

10 Awurade ani sɔɔ Salomo mmuae no, na nʼani gyee obisaa nyansa. 11 Enti Awurade buae se, "Esiane woabisa nyansa a wode bedi me manfo so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa wo tamfo bi nwu no nti, 12 mede nea woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne ntease a obiara nnyaa bi da, na obiara nso renya bi da. 13 Na nea woammisa no nso, mede bɛka wo hosika ne anuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ wiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu. 14 Na wudi mʼakyi, na wudi me mmara so wʼagya Dawid a, mɛma wo nkwa tenten." 15 Na Salomo nyanee, na ohuu ɛyɛ dae. Ɔkɔɔ Yerusalem kogyinaa Awurade Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ohyiaa ne mpanyimfo nyinaa, too wɔn pon.

Salomo Bu Atɛntrenee

16 Akyiri no, mmea nguamanfo baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn. 17 Wɔn mu baako fitii ase se, "Me wura, mesrɛ wo meka se, saa ɔbea yi ne me te fi koro mu. Mewoo ɔba bere a ɔne me te fie . 18 Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie a obiara nka yɛn baanu no ho.

19 "Nanso anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kum no. 20 Na ɔsɔree anadwo no faa me ba fii me nkyɛn bere a mada no. Ɔde ne ba a wawu no too me basa so, na ɔfaa me de no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdae. 21 Ade kyee a mepɛɛ mema me ba no nufu no, na wawu. Nanso anim tetew kakra a mehwɛɛ abofra no yiye no, mihuu ɛnyɛ me ba no koraa."

22 Ɛhɔ ara na ɔbea baako no gyee hwanyan kae se, "Abofra a wawu no wo ba no, ɛnna nea onwui no nso me de no."

Ɛnna ɔbea a odi kan no nso se, "Dabi da, nea wawu no wo ba no, na nea onwui no nso me de no." Enti wɔtwee asɛm no saa ara ɔhene no anim.

23 Ɔhene no kae se, "Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokware yiye. Mo baanu nyinaa, obiara se abofra a onwui no ne dea, na abofra a wawu no de, ɔnyɛ obiara dea.

24 "saa na ɛte de a, mommrɛ me afoa." Enti wɔde afoa brɛɛ ɔhene no. 25 Afei, ɔkae se, "Mompae abofra a onwui no mu abien, na momfa fa mma mmea no mu biara."

26 Na ɔbea a nokware, ɔyɛ abofra a ɔte ase no na a ɔpɛ ne ba yi asɛm yiye no teɛteɛɛ mu se, "Ao! Dabi me wura! Fa abofra no ma no. Mesrɛ wo nkum no!"

Nanso ɔbea baako no kae se, "Eye, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!"

27 Ɛhɔ na ɔhene no kae se, "Munnkum no, na mmom, momfa abofra no mma ɔbea a ɔpɛ abofra no tena ase no, na ɔno ne ne na no."

28 Ɔhene yi atemmu no trɛw faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfo no ho dwiriw wɔn nyansa a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntrenee no ho.

Veja também