Saulo Twe Dawid Ho Ninkunu
1 Bere a Dawid ne Saulo kasa wiei no, ohyiaa ɔhenebabarima Yonatan. Wɔn baanu no dɔɔ wɔn ho wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara. 2 Efi saa da no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfi hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsan akɔ ne fi. 3 Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo.