Hana Ayeyi Mpaebɔ
1 Na Hana bɔɔ mpae se,
"Me koma di ahurusi wɔ Awurade mu!
Awurade mu na wɔma mʼabɛn so.
Afei, manya mmuae ama mʼatamfo,
na mʼani gye wɔ wo gye no ho.
2 "Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade!
Obi bi nnka wo ho;
Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.
3 "Nkɔ so nkasa ahomaso so
anaa nka ahantan kasa,
efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a onim,
na wɔfa ne so kari nneyɛe.
4 "Wɔabubu akofo mpeaw,
na wɔama wɔn a wohintihintiw no ahoɔden. Afei, wɔayɛ den.
5 Wɔn a na wodidi mee pintinn no afei, ɔkɔm rekum wɔn.
Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei, wɔamee pintinn.
Afei, obonin wɔ mma baason.
Na ɔbea a na ɔwɔ mma pii no, mma bɛbɔ no.
6 "Awurade de nkwa ne owu nyinaa ba;
Ɔka bi hyɛ ɔda mu, na onyan ebinom.
7 Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefo;
ɔbrɛ obi ase na wapagyaw obi.
8 Ɔpagyaw ohiani fi mfutuma mu
Yiw, oyi no fi nsosiw mu!
Ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma,
de wɔn tena anuonyam ahengua so.
"Efisɛ asase fapem yɛ Awurade de,
na watoto wiase sɛnea ɛsɛ.
9 Ɔbɛbɔ onyamesurofo ho ban,
na amumɔyɛfo bɛyera esum mu.
"Sɛ ahoɔden mu nko de a, obiara renni nkonim.
10 Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛw wɔn.
Ɔpae aprannaa fi wim gu wɔn so;
Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara.
"Ɔma ne hempɔn ahoɔden kɛse;
nea wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den."