Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 6

10 Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwi abien a wɔawo foforo de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buw mu. 11 Wɔde Awurade Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akisi sɛso ne sikakɔkɔɔ pɔmpɔ sɛso mu no sii ho. 12 Afei, anantwi no de su faa ɔtempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifo asodifo dii wɔn akyi ara kosii Bet-Semes hye so.

13 Saa bere no, na Bet-Semesfo retwa wɔn atoko obon no mu. Enti wɔpagyaw wɔn ani huu Adaka no, wodii ahurusi. 14 Teaseɛnam no koduu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ofi Bet-Semes afuw mu no, egyinaa ɔbotan kɛse bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwi no bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. 15 Lewifo no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agude mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛse no so. Saa da no, Bet-Semesfo6.15 Bet-Semes yɛ Lewifo kurow (Yos 21.16). Na Lewifo nko ara na wɔwɔ ho kwan wɔma Adaka Kronkron no so de baabi foforo (5 Mose 10.8). bɔɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre bebree maa Awurade.

Veja também