Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 13

Amnon To Tamar Mmonnaa

1 Na Dawid babarima Absalom nuabea bi a na ne ho yiye. Na saa ɔbea no din de Tamar.13.1 Na Tamar yɛ Maaka babea. Na Maaka yi yɛ Gesurhene babea (3.3). Amnon nso na ɔyɛ Ahinoam babarima. Na Ahinoam Dawid yere a odi kan na Amnon nso, na ɔyɛ Dawid abakan barima a amanne mu no, obedi ade daakye. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no.

2 Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kosii ɛbɔɔ no yare. Na ɔyɛ ɔbabun nti, na na ɛyɛ Amnon rentumi nyɛ no hwee.

3 Na Amnon adamfo onifirifo bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima. 4 Da koro bi, Yonadab bisaa Amnon se, "Asɛm bɛn na aba? Adɛn nti na ɛsɛ ɔhene babarima bosaa anɔpa biara saa?" Na Amnon buaa no se, "Medɔ Tamar, Absalom nuabea no."

5 Yonadab kae se, "Eye, mɛkyerɛ wo nea wobɛyɛ. San na kɔda wo mpa so, na hyɛ da sɛnea woyare no. wʼagya behu wo a, ka kyerɛ no se ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduan bi mma wo nni. Ka kyerɛ no se, ɔno brɛ wo aduan di a, wo ho bɛtɔ wo."

6 Enti Amnon patuw yaree. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no se, "Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma minni." 7 Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fi, kɔnoaa aduan maa no.

8 Bere a Tamar duu Amnon fi no, ɔkɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu, sɛnea Tamar refɔtɔw asikresiam a obehu. Enti ɔtoo brodo sononko bi maa no. 9 Nanso ɔde aduan no guu apampaa so besii nʼanim no, wampɛ odi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔwɔ no se, "Obiara mfi ha nkɔ!" Enti wɔn nyinaa kɔe.

10 Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar se, "Fa aduan no brɛ me me pia mu, na bubu hyɛ mʼano." Enti Tamar maa so de kɔɔ . 11 Na bere a ogu so de rema no no, ɔtow hyɛɛ ne so, na ɔkae se, "Wo ne me nna, me nuabea ɔdɔfo."

12 Na Tamar teɛɛ mu se, "Dabi da, onuabarima! Nyɛ saa amumɔyɛde yi! Nyɛ me saa! Wunim , woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛse Israel. 13 Na ɛhe na anka mede saa aniwu no bɛfa? Na wɔbɛka , wo nso woyɛ nkwaseafo akɛse a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me." 14 Nanso Amnon ampene so. Na esiane ɔwɔ ahoɔden sen Tamar nti, ɔtoo no mmonnaa.

15 Ɛhɔ ara, Amnon no dan ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteɛteɛɛ mu se, "Fi ha ntɛm!"

16 Tamar nso teɛteɛɛ mu se, "Dabi da. worepam me afi ha mprempren no bɔne kɛse koraa sen nea woayɛ me dedaw no."

Nanso Amnon ampɛ obetie no. 17 Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne somfo hyɛɛ no se, "Pam saa ɔbea yi fi ha, na to pon no mu!" 18 Enti ɔsomfo no pam no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛnea na amanne kyerɛ ɔhene babea a ɔyɛ ɔbabun ho no. 19 Nanso Tamar sunsuan ne batakari no mu, de nsõ guu ne ti mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de osu sii kwan so.

20 Ne nuabarima Absalom huu no bisaa no se, "Wo nuabarima Amnon ne wo ada ana? dinn, me nuabea; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wo koma mu." Na Tamar tenaa ase ankonam werɛhonibea Absalom fi.

21 Bere a ɔhene Dawid tee asɛm no, ne bo fuw yiye. 22 Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso ɔtan Amnon yiye, efisɛ wagu ne nuabea Tamar anim ase.

Absalom Amnon So Were

23 Mfe abien akyi, da koro bi a na wɔretwitwa Absalom nguan ho nwi Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hye so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmabarima nyinaa wɔmmra . 24 Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Me nguan nwitwitwafo reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfo bɛba abɛka me ho ana?"

25 Ɔhene buae se, "Dabi, me ba. Ɛnsɛ yɛn nyinaa ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo." Ɛwɔ mu Absalom hyɛɛ no de, nanso wampene ɔbɛkɔ, na ohyiraa no kosɛkosɛ.

26 Na Absalom kae se, "saa na ɛte de a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho."

Ɔhene no bisaa no se, "Adɛn nti na ɛsɛ ɔbɛka mo ho?" 27 Nanso ɔhyɛɛ no nti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho.

28 Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no se, "Muntie! Montwɛn na Amnon mmow nsa, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnne na moakum no. Munnsuro. Me ara na mahyɛ mo monyɛ saa. Momfa akokoduru nyɛ." 29 Enti Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmabarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfurum so, na woguanee.

30 Bere a wɔresan akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duu Dawid asom se, "Absalom akunkum wo mmabarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa." 31 Ɔhene no huruw sii fam, sunsuan nʼatade mu, daa fam. Nʼafotufo nyinaa de ahodwiriw ne awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu, dedaa fam saa ara.

32 Nanso ankyɛ biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no beduu kae se, "Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Efi bere a Amnon too ne nuabea Tamar mmonnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa. 33 Dabi, wo mma no nyinaa nwuwui saa. Ɛyɛ Amnon nko ara."

34 Saa bere no, na Absalom aguan.

Ɔwɛmfo a ɔwɔ Yerusalem fasu so no huu dɔm kɛse fi atɔe fam reba kurow no mu. Otuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amanneɛ se, "Mahu dɔm fi Horonaim kwan a ɛda bepɔw no nkyɛn mu no so reba."

35 Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no se, "Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛnea mekae no."

36 Ankyɛ na wobedui a, wɔretwa adwo, tew nisu, na ɔhene ne ne mpanyimfo nso twaa agyaadwo.

37 Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom guan kɔɔ ne nena barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn.

38 Ɔkɔtenaa Gesur mfe abiɛsa. 39 Na Dawid a afei wagyae Amnon wu no ho asɛm no pɛɛ ɔne ne babarima Absalom san ka mu.

Veja também