21 Bere a ɔhene Dawid tee asɛm no, ne bo fuw yiye. 22 Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso ɔtan Amnon yiye, efisɛ wagu ne nuabea Tamar anim ase.
Absalom Tɔ Amnon So Were
23 Mfe abien akyi, da koro bi a na wɔretwitwa Absalom nguan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hye so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmabarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ.