Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 23

Dawid Nsɛm A Etwa To

1 Eyi ne Dawid nsɛm a etwaa to:

"Dawid, Yisai ba barima a

Onyankopɔn maa no nkɔso a ɛyɛ nwonwa,

na Yakob Nyankopɔn sraa no ngo no,

Israel nnwomhyehyɛfo mu otiban:

2 "Awurade honhom kasa fa me mu;

ne nsɛm me tɛkrɛma so.

3 Israel Nyankopɔn kasae.

Israel botan ka kyerɛɛ me se:

Onipa a odi hene trenee mu,

na ɔde Onyamesuro di hene no,

4 ɔte anɔpa hann,

ɔte anɔpa a omununkum nni apueiwia hann;

ɔte osutɔ akyi hyerɛn,

na ɛma sare foforo pue fi asase mu.

5 "Ɛyɛ me fi na Onyankopɔn ayi.

Yiw, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ daa.

Ne nhyehyɛe afebɔɔ, bi nni bio, na wɔasɔw ano.

Ɔbɛhwɛ me yiyedi ne me nkɔso daa.

6 Na wɔn a wonnim Onyame no te nsɔe a wɔbɛtow agu,

efisɛ wɔwowɔ nsa a eso mu no.

7 Ɛsɛ obi amia mu ansa na watwa wɔn agu;

wɔde ogya bɛhyew wɔn dwerɛbee."

Dawid Dɔmmarima

8 Din a edidi so yi Dawid dɔmmarima:

Nea odi kan ne Yoseb-Basebet a ofi Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene akofo akɛse Baasa bi so Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahanwɔtwe ɔsa baako mu no.

9 Nea ɔto so abien baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahohi aseni. Bere bi Eleasar ne Dawid ka bɔɔ mu, tew gyinae, de tiaa Filistifo bere a Israel asraafo no nyinaa aguan no. 10 Okunkum Filistifo no ara kosii afei, na ontumi mpagyaw ne peaw. Nanso Awurade maa no dii nkonim saa da no. Asraafo a wɔaka no ansan amma kosii bere a ɛsɛ wɔkɔtase wɔn asade no.

11 Nea odi Sama a ɔyɛ Agee a ofi Harar babarima. Da koro bi, Filistifo no boaa wɔn ho ano Lehi, na wɔtow hyɛɛ Israelfo no so aseduafuw bi mu. Israel asraafo no guanee, 12 nanso Sama gyinaa ne nan so pintinn afuw no mfimfini, kaa Filistifo no gui. Enti Awurade ma odii nkonim.

13 Twabere bi a na Dawid Adulam ɔbodan mu no, Filisti asraafo bɛkyeree nsraban Refaim bon mu. Dawid akofo nimdefo aduasa no mu baasa sian kohyiaa no . 14 Saa bere no na Dawid te nsraban mu a na Filistifo asraafo no fa bi nso akɔtena Betlehem. 15 Dawid daa nʼakɔnnɔ adi se, "Ao, minya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kurow no pon no ano no bi a, anka mɛnom." 16 Enti baasa no bu faa Filistifo no mu kɔsaw nsu no bi fii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso wannom. Mmom, ohwie guu Awurade anim. 17 Ɔteɛɛ mu se, "Awurade ma ɛmpare me mɛnom eyi! Saa nsu yi som bo te saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too , kɔsaw nsu yi brɛɛ me yi mogya." Enti Dawid annom. Mmarimasɛm a Baasa no dii no nhwɛso bi ni.

Dawid Akofo Akɛse Aduasa

18 Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Da bi, ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahaasa ɔsa baako mu. Saa akokodurusɛm yi nti ne din hyetaa Baasa no. 19 Abisai na ogyee din pa ara Aduasa no mu. Ɛwɔ mu, wannye din Baasa no ho de, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.

20 Na Yehoiada babarima Benaia nso ɔkofo kokodurufo a ofi Kabseel. Odii mmarimasɛm bebree a bi ne , okum Moab akofo akɛse baanu. Bere bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro de, nanso ɔkyeree gyata no, kum no. 21 Bere bi nso, ɔde abaaporiwa a na okura no kum Misraimni ɔkofo kɛse bi a na ɔno kura peaw. Benaia hwim peaw no fii Misraimni no nsam, na ɔde kum no. 22 Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te Baasa no. 23 Na ɔwɔ anuonyam sen wɔn a na wɔfra Aduasa no mu no biara, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfo no so sahene.

24 Wɔn a aka a na wɔfra Aduasa no mu no ni:

Yoab nuabarima Asahel;

Dodo a ofi Betlehem babarima Elhanan;

25 Sama a ofi Harod;

Elika a ofi Harod;

26 Heles a ofi Palti;

Ira, Ikes a ofi Tekoa babarima;

27 Abieser a ofi Anatot;

Sibekai a ofi Husa;

28 Salmon a ofi Ahoa;

Maharai a ofi Netofa;

29 Heleb, Baana a ofi Netofa babarima;

Itai, Ribai a ofi Gibea (Benyamin abusuakuw mu) babarima;

30 Benaia a ofi Piraton;

Hidai a ofi Nahale-Gaas;

31 Arbatini Abi-Albon;

Asmawet a ofi Bahurim;

32 Eliahba a ofi Saalbon;

Yaasen mmabarima;

33 Yonatan, Sama a ofi Harar babarima;

Sarar, Ahiam a ofi Maaka babarima;

34 Elifelet, Ahasbai a ofi Maaka babarima;

Eliam, Ahitofel a ofi Gilo babarima;

35 Hesro a ofi Karmel;

Paarai a ofi Arba;

36 Igal, Natan a ofi Soba babarima;

Bani a ofi Gad;

37 Selek a ofi Amon;

Naharai a ofi Beerot (Yoab akodekurafo);

38 Ira a ofi Yitri;

Gareb a ofi Yitri;

39 Hetini Uria.

Wɔn nyinaa dodow aduasa ason.

Veja também