Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 5

Dawid Di Israel Nyinaa So Hene

1 Afei, Israel mmusuakuw no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn Hebron kɔka kyerɛɛ no se, "Yɛn nyinaa wʼabusuafo. 2 Mmere bi a atwa mu no a mpo, na Saulo yɛn hene no, wo ara na wudii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo se, Wobɛyɛ me manfo Israel so guanhwɛfo. Wobɛyɛ wɔn kannifo.’ "

3 Enti Dawid ne Israel ntuanofo no yɛɛ apam Hebron Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.

Veja também