Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 6

Wɔde Apam Adaka No Yerusalem

1 Na Dawid boaboaa Israel mmabun a wɔn ho mmu wɔn dwɛ mpem aduasa ano. 2 Odii wɔn anim fi Baala a ɛwɔ Yuda, wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka, a ekura Awurade Tumfo no a wɔde no asi kerubim ntam no din. 3 Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforo so, de fii Abinadab fi a na ɛwɔ bepɔw so no bae. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmabarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforo no 4 a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na odi anim. 5 Dawid ne Israel manfo gyee wɔn ani Awurade anim ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde asanku, mmɛnta, akasae, mfirikyiwa ne kyɛnkyɛn nenam mu.

6 Na woduu Nakon awiporowbea no, nantwi no nan totoe, maa Usa teɛɛ ne nsa soo Onyankopɔn Adaka no mu ɔreteɛ no. 7 Na Awurade bo fuw Usa ɔyɛɛ saa, na Onyankopɔn bɔɔ no ma owu daa adaka no ho.

8 Dawid nso bo fuw, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo saa beae din Peres-Usa a ase ne abufuwhyew a etia Usa. Wɔfrɛ saa ara de besi nnɛ.

9 Afei, na Dawid suro Awurade nti obisaa se, "Ɛbɛyɛ dɛn na Awurade adaka no bɛba me nkyɛn?" 10 Na Dawid yɛɛ nʼadwene , ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fi. 11 Na Awurade adaka no sii Gatni Obed-Edom fifo nkyɛn asram abiɛsa, na Awurade hyiraa no ne ne fi mu nnipa nyinaa.

12 Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid se, "Esiane Awurade Adaka no nti, Awurade ahyira Obed-Edom fi ne biribiara a ɔwɔ so." Enti Dawid kɔɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛse baa Dawid Kuropɔn no mu. 13 Nnipa a na wɔso Awurade Adaka no tuu anammɔn asia , wogyinaa twɛnee, sɛnea Dawid betumi de nantwi ne nantwi ba a wadɔ srade abɔ afɔre. 14 Na Dawid fii nʼahoɔden nyinaa mu saw Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotade yuu. 15 Enti Dawid ne Israel nyinaa de nteɛteɛmu ne ntorobɛntohyɛn maa Awurade Adaka no so kɔe.

Mikal Ka Dawid Anim

16 Bere a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babea a ne din de Mikal no kɔtɛwee mfɛnsere mu hwɛe. Ohuu ɔhene Dawid rehuruhuruw, resaw anigye so Awurade anim no, nʼani annye.

17 Wɔde Awurade Adaka no kosii nʼafa ntamadan a ɛno nti, Dawid asi no mu, na Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre Awurade anim. 18 Owiei no, ohyiraa nkurɔfo no Asafo Awurade din mu. 19 Afei, ɔmaa Israel dɔm no mu onipa biara brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam. Na wɔn mu biara kɔɔ ne fi.

20 Bere a Dawid san kɔɔ ne fi ɔrekohyira ne fifo no, Mikal fii adi ba behyiaa no ka kyerɛɛ no abufuw so se, "Nnɛ de, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te nea obiara a ommu ne ho bɛyɛ no ara ."

21 Dawid buaa Mikal se, "Na meresaw Awurade a oyii me, na otwaa wʼagya ne nʼabusuafo gyawee no anim. Oyii me menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfo ɔkannifo. Ɛno nti, ɛyɛ me meyɛ me ho ɔkwasea, sɛnea ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ Awurade mu. 22 Yiw, na mepɛ meyɛ ɔkwasea koraa sen eyi, na mmeawa koro yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me anuonyam."

23 Na Saulo babea Mikal anwo ba da ne nkwa nna nyinaa.

Veja também