Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 17

Paulo Ne Silas Tesalonika

1 Wɔtoaa wɔn akwantu no so fii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafo hyiadan no. 2 Sɛnea Paulo taa no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnye Kyerɛwsɛm no ho, 3 kyerɛɛ mu, dii adanse , ɛsɛ Agyenkwa no hu amane na ɔsɔre fi awufo mu. Paulo kae se, "Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no." 4 Nnipa no bi gye dii ma wodii Paulo ne Silas akyi. Saa ara na Helafo bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmea mpanyin bi nso gye dii de wɔn ho bɔɔ wɔn ara ne no.

5 Yudafo mpanyin no anibere nti, wɔboaboaa ahuhufo bi ano ma wɔbɔɔ twi faa kurow no mu kotwaa Yason fi ho hyiae, pɛɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanyin no. 6 Esiane wɔn nsa anka wɔn no nti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanyin no anim teɛteɛɛ mu se, "Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kurow yi mu, 7 ama Yason agye wɔn atena ne fi. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn yenni so no so, efisɛ wɔka se ɔhene foforo bi a wɔfrɛ no Yesu." 8 Saa asɛm yi hwanyan dɔm no ne kurow no mu mpanyin no. 9 Kurow no mu mpanyin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn akagyinamu ma wogyaa wɔn.

Paulo Ne Silas Beroia

10 Ade sae ara , anuanom yi gyaa Paulo ne Silas kwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wodui no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu. 11 Na nnipa a wɔwɔ no nyɛ akyinnyegyefo te Tesalonikafo no. Wɔde ahosɛpɛw gyee asɛm no dii a daa na wosua Kyerɛwsɛm no pɛɛ wohu nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no nokware ana. 12 Nnipa no mu bebree a Helafo mmea atitiriw ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no dii.

13 Bere a Yudafo a wɔwɔ Tesalonika no tee Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no Beroia no, wɔkɔɔ kɔhwanyan hɔfo no nso. 14 Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia. 15 Nnipa a wokogyaa Paulo kwan no de no koduu Atene. Wɔresan akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn se wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo wɔmmɛka ne ho ntɛm.

Paulo Atene

16 Bere a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo Atene no, ohuu ahoni pii kurow no mu. Eyi maa ne werɛ howee yiye. 17 Enti na ɔne Yudafo ne amanamanmufo a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfo gye akyinnye aguabɔbea ara ne no. 18 Afei, ɔne Epikurofo ne Stoikfo anyansafo bi nso gyee akyinnye. Ebinom kae se, "Na dɛn na nnabrabani yi ɔkyerɛ yi?" Afoforo nso kae se, "Ɛyɛ ɔreka anyame afoforo bi ho asɛm." Nea enti a wɔkaa eyi ne , na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔre ho asɛm. 19 Wɔde Paulo kɔɔ Areopago17.19 Nkyerɛase ne "Ares koko." Ares yɛ Helafo nyame a ogyina hɔ ma aprannaa ne ɔko. bagua anim kae se, "Yɛpɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforo a worekyerɛkyerɛ yi ase, 20 efisɛ nsɛm a woka no bi yɛn asom asɛm foforo, enti yɛpɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yiye." 21 Na Atenefo ne ahɔho a wɔwɔ no nni hwee wɔde wɔn adagyew nyinaa betie nsɛm foforo anaa wɔbɛka nsɛm foforo a wɔate no akyerɛ afoforo.

Paulo Asɛnka Areopago

22 Paulo sɔre gyinaa Areopago bagua no anim kae se, "Atenefo, mihu moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yiye. 23 Efisɛ mituu mpase faa mo kurow yi mu, na mihuu mmeae ahorow a mosom no, mihuu afɔremuka bi a wɔakyerɛw ho se,

Onyame a wonnim no no de.

Enti ade a munnim na mosɔre no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi.

24 "Onyankopɔn a ɔbɔɔ wiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu. 25 Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadi so de bɛma no no nso ho nhia no, efisɛ ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ehia wɔn. 26 Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahorow nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman bere a wɔbɛsɔre ne bere a wɔbɛhwe ase. Saa ara na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahye nso. 27 Ɛwɔ mu Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwiw abɛn no; 28 sɛnea obi ka se, Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn hono. Saa ara na mo nnwontofo bi nso aka se, Yɛn nso yɛyɛ ne mmano.

29 "Ɛno de, yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ yesusuw Onyankopɔn tebea te ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɔbo ayɛ. 30 Onyankopɔn buu nʼani guu bere a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa wɔntwe wɔn ho mfi akwammɔne so. 31 Efisɛ wayi da bi ato a ɔnam onipa bi a wayi no no so bebu nnipa nyinaa atɛntrenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre fii awufo mu no so adi adanse akyerɛ nnipa nyinaa."

32 Bere a nnipa no tee Paulo reka owusɔre ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforo nso kae se, "Yɛpɛ wosan ka saa asɛm no bio." 33 Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo fii bagua no anim kɔe. 34 Nanso, nnipa kakraa bi gyee no dii de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofo mu ne ɔbea bi a ne din de Damari ne afoforo bi.

Veja também