Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 12

Baabi A Awurade Ayi Ama Ɔsom

1 Eyinom ne mmara ne ahyɛde a ɛsɛ mohwɛ na mudi so, mmere dodow a mote asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de ama mo no so. 2 mutu aman a wɔtete no fi a, mosɛe mmeae ahorow bi mmepɔw atifi, nkoko so, ne nnua a atrɛtrɛw no ase a wɔsom wɔn anyame no nyinaa. 3 Mummubu wɔn afɔremuka nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhyew wɔn abosompɔw na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfi mmeae ahorow a ɛwɔ no.

4 Mommfa wɔn akwan no so nsom Awurade, mo Nyankopɔn. 5 Na mmom, monhwehwɛ faako a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi afi mo mmusuakuw mu ama mo no na munnyina ne din nʼatenae. Beae na ɛsɛ mokɔ. 6 Ɛhɔ na momfa mo hyew afɔrebɔde mmra mmɛbɔ a mo ntotoso du du, akyɛde sononko, ade a moaka ho ntam mode bɛba ne afɔrebɔde a efi mo mu, mo anantwi ne mo nguan mu mmakan nso nka ho. 7 Ɛhɔ, Awurade, mo Nyankopɔn no anim no, na mo ne mo abusuafo bedidi na mo ani agye biribiara a mode mo nsa aka ho, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, ahyira mo.

8 Nnɛ yi, nea mopɛ biara na moyɛ, nanso ɛnsɛ ɛba saa, 9 efisɛ munnuu ahomegyebea ne agyapade a Awurade, mo Nyankopɔn, de rebɛma mo no ɛ. 10 Nanso mubetwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo agyapade no so. Na ɔbɛma mo ahomegye ne bammɔ afi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nsam na moatena ase dwoodwoo. 11 Momfa biribiara a mehyɛ mo momfa mmra ɛyɛ mo ɔhyew afɔrebɔde, ntotoso du du, akyɛde sononko ne mo ɔma ahorow no mfa nhyɛ mo ntanka no mu kena beae a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi ama mo a monsɔre ne din no. 12 Mo ne mo mmabarima, mo mmabea ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Na monkae Lewifo a wɔtete mo nkurow so no a wonni wɔn ankasa agyapade no. 13 Monhwɛ yiye na moammɔ mo hyew afɔre baabiara a mopɛ. 14 Mommɔ baabi pɔtee a Awurade ayi afi mo mmusua asase bi mu ama mo no nkutoo. Ɛhɔ na monyɛ biribiara a mehyɛ mo monyɛ no.

15 Nanso kurow biara a mopɛ so no, mutumi kum mmoa we sɛnea mukum atwe ne adabɔ no. Mutumi we nam dodow biara a Awurade, mo Nyankopɔn, de behyira mo no. Wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew no nyinaa tumi we bi. 16 Nanso ɛnsɛ mudi mogya no. Muntwa ngu fam te nsu. 17 Ɛnsɛ mudi mo afɔre, ntotoso du du a efi mo atoko mu, mo nsa foforo ne ngo anaa mo anantwi ne mo nguan abakan mo kurow mu. Biribiara a moaka ho ntam mode bɛma Awurade anaa nea mufi mo koma mu ahyɛ ho anaa akyɛde sononko biara no, ɛnsɛ mudi. 18 Mmom, ɛsɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn, anim faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo a mo, mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifo a wofi mo nkurow mu ka ho no, munnye mo ani Awurade, mo Nyankopɔn no, anim biribiara a mobɛyɛ no ho. 19 Monhwɛ yiye na moanyi Lewifo no mu mmere dodow a mote mo asase so no.

20 Awurade, mo Nyankopɔn, trɛw mo hye mu sɛnea wahyɛ mo ho no, na mo kɔn nam ka se, "Yenya nam bi a anka yɛbɛwe" a, ɛno de, mubetumi awe nam dodow biara a mopɛ. 21 faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, ayi ama mo monkamfo ne din no ne mmeae a mowɔ no ntam ware a, mutumi kum mo anantwi anaa nguan a Awurade de ama mo no dodow biara a mopɛ no mo afi mu sɛnea mahyɛ mo no. 22 Monwe sɛnea mowe atwe anaa adabɔ. Wɔn a wɔn ho ntew ne wɔn a wɔn ho tew no nyinaa tumi we bi. 23 Monhwɛ morenni mogya no, efisɛ mogya no ne nkwa no, na ɛnsɛ mudi nkwa no ne nam no. 24 Munni mogya no; mmom, munhwie ngu fam nsu. 25 Munnni mogya no na asi mo ne mo mma yiye, efisɛ moyɛ saa a na moayɛ nea ɛteɛ Awurade ani so.

26 Momfa mo nneɛma a moatew ho ne nea moaka ho ntam mobɛma biara no, na monkɔ beae a Awurade bɛpaw no. 27 Momfa mo ɔhyew afɔre, nam ne mogya no nyinaa, ngu Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka so. Ɛsɛ muhwie mo afɔrebɔde no mogya no gu Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no nkyɛn. Mmom, mubetumi awe nam no. 28 Monhwɛ mubedi mmara ahorow a mede rema mo yi nyinaa so, na asi mo ne mo mma a wɔbɛba mo akyi no yiye, efisɛ ɛno na ɛbɛyɛ nea eye ne nea ɛteɛ Awurade, mo Nyankopɔn no ani so.

29 Na Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim kan akɔsɛe aman a morekɔtoa wɔn no na mopam wɔn. Na mopam wɔn kɔtena wɔn nsase no so, 30 na wonya di mo anim sɛe wɔn a, monhwɛ yiye na moammisa wɔn anyame no ase anka se, "Ɔkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ yɛyɛ saa bi," amfa so ankɔtɔ afiri mu. 31 Mommfa wɔn kwan so nsom Awurade, mo Nyankopɔn no, efisɛ wɔn anyame no som mu no, wɔyɛ akyiwade ahorow a Awurade kyi no nyinaa mpɛ. Mpo, wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ogya wɔde rebɔ afɔre ama wɔn anyame no.

32 Monhwɛ mubedi nea mahyɛ mo no nyinaa so; mommfa bi nka ho na munnyi bi nso mfi mu.

Veja também