Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 15

Aka Mu Twa

1 Muntwa mo aka mu mfe ason awiei biara. 2 Ɔkwan a ɛsɛ mofa so ni: Ɛsɛ obiara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, de kyɛ no. Ɛnsɛ ɔdan ne yɔnko no anaa ne busuani ka, efisɛ wɔapae mu aka Awurade bere a wɔde ka kyɛ no. 3 Saa ka a wotwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfo no nko ara. Ahɔho a wɔte mo mu no de, mopɛ a mobɛma wɔn atua. 4 Mmom, ɛnsɛ ahiafo ba mo mu efisɛ, Awurade, mo Nyankopɔn no behyira mo asase a ɔde rema mo mo agyapade no so, 5 motɔ mo bo ase di Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so a. 6 Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo sɛnea wahyɛ mo no. Mobɛbɔ aman bebree bosea, nanso moremmɔ obiara bosea da. Mubedi aman bebree so, nanso obiara renni mo so da.

7 mudu nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na ehia mo yɔnkonom Israelfo no bi a, mummpirim mo koma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔn so. 8 Mmom, mungow mo nsam na momfɛm wɔn nea ehia wɔn biara. 9 Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi mo tirim : "Afe a ɛto so ason, afe a wotwa aka mu no, abɛn," na moannyina so ammɔ mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn no atirimɔden a moremma wɔn hwee. Ɛba saa a, wobesu afrɛ Awurade de atia mo, na ɛbɛma wɔabu mo bɔne ho . 10 Mumfi koma pa mu mma na Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo mo nnwuma nyinaa ne biribiara a mode mo nsa bɛka no mu. 11 Bere biara, mubehu ahiafo asase no so. Ɛno nti merehyɛ mo , biribiara a mowɔ no, mumfi ɔpɛ pa mu mma mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn asase no so no.

Asomfo Ahofadi

12 wo nua Hebrini, ɔyɛ barima anaa ɔbea, tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirihyia asia a, ɛsɛ wugyaa no ma ɔde ne ho afe a ɛto so ason no. 13 Na woregya no kwan a, mma no nkɔ nsapan. 14 Fa nsa a emu gow so ma no wo nguan no bi, wʼawiporowbea mu ade ne wo nsakyi amoa mu ade bi. Hwɛ sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn no, asi ahyira wo no so na ma no. 15 Monkae na moyɛ nkoa Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn, yii mo fii . Ɛno nti na mede saa mmara yi rema mo nnɛ yi.

16 Na ɛba wʼakoa ka kyerɛ wo se, "Merennyaw wo nkɔ," efisɛ ɔpɛ wo ne wʼabusuafo asɛm na ne ho no wo nkyɛn a, 17 ɛno de, fa fitii bɔre nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, wɔn saa ara.

18 Momma no nyɛ wo den mubegyaa mo asomfo no ama wɔafa wɔn ho akodi. Monkae , mfe asia a wɔasom mo no wokɔfaa apaafo wɔnsom mo a, anka mubetua apaafo no sika mmɔho abien na Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo biribiara a moyɛ ho.

Mmoa Mmakan

19 Munyi mo anantwi ne mo nguan mmakan anini no nsi mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mo anantwi mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuw mu nkɔyɛ adwuma, na munntwitwa mo nguan mmakan ho nwi nso. 20 Mmom, mo ne mo abusuafo na afe biara monwe saa mmoa yi baabi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no nʼanim. 21 Na ɛba abakan no bi adi dɛm, ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afura anaa wadi dɛm foforo bi a, mommfa no mmɔ afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no. 22 Mmom, momfa no nyɛ aduan mma abusuafo fie. obi ho tew o, ne ho ntew o, otumi di bi sɛnea obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no. 23 Nanso ɛnsɛ mudi mogya no. Munhwie ngu fam te nsu.

Veja também