Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 20

Akodi Ho Nkyerɛkyerɛ

1 mokɔ ɔko de tia mo atamfo na muhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne asraafo a wɔdɔɔso sen mo a, munnsuro wɔn, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim no bɛka mo ho. 2 morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfo no bɛba abɛkasa akyerɛ asraafo no. 3 Ɔbɛka se, "Muntie me, mo Israel mmarima! Nnɛ, morekɔ ɔsa atia mo atamfo. Mommma mo koma ntutu! Mommma mo aba mu mmu na momma mo ho mpopo. 4 Na Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfo no ama moadi nkonim."

5 Asraafo mpanyimfo no bebisa asraafo no se, "Mo mu bi asi ɔdan foforo a ɔntenaa mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no ɔko no mu na ama obi akɔtena mu. 6 Obi ha a wadɔw bobeturo na onnidii mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no ɔko no mu na ama obi akodidi mu. 7 Obi ha a ɔne ɔbea bi akasa nanso ɔwaree no ana? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no ɔko no mu na ama obi akɔware no." 8 Afei, mpanyimfo no bɛkɔ so abisa se, "So mo mu bi suro anaa ne koma atu ana? Ɛno de, ɔnkɔ fie sɛnea ɛbɛyɛ a, ne nuabarimanom nso koma rentu." 9 mpanyimfo no wie asraafo no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpaw asahene adeda wɔn ano.

10 mudu kurow bi mu a mo ne wɔn nni kan nka asomdwoesɛm. 11 wɔpene mo nhyehyɛe so na wobue wɔn apon ma mo a, mobɛhyɛ nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa ama wɔayɛ adwumaden ama mo. 12 Na wɔampene asomdwoe nhyehyɛe no so na wose wɔne mo bɛko a, ɛno de, montow nhyɛ kurow no so. 13 Awurade, mo Nyankopɔn no, dan kurow no hyɛ mo nsa a, munkum kurow no mu mmarima nyinaa. 14 Ɛyɛ a momfa kurow no mu mmea, mmofra, nyɛmmoa ne asade a aka nyinaa agyapade. Mubetumi de mo atamfo no asade a Awurade, mo Nyankopɔn no, de bɛma mo no ayɛ mo ade. 15 Eyi ne ɔkwan a ɛsɛ mode nkuropɔn a ɛwɔ akyiri na wɔnyɛ aman a ɛbemmɛn no fa so.

16 Na amanaman nkuropɔn a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo agyapade no de, monsɛe biribiara a nkwa mu . 17 Monsɛe Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no pasaa sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛ mo no. 18 ɛba saa a, ɛremma nnipa a wɔte asase no so no nkyerɛ mo akyiwade a wɔyɛ wɔn abosonsom ho amma mo anyɛ bɔne antia Awurade, mo Nyankopɔn no.

19 motua kuropɔn bi ano kyɛ, a moreko afa kurow no a, mommfa abonnua ntwitwa mu nnua nsɛe no. Efisɛ mubetumi adi nʼaba. Munntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfo a ɛsɛ motow hyɛ so! 20 Nanso mutumi twa nnua a munim ɛnyɛ aduan; na momfa nyɛ ade a ɛho behia mo mode bɛboa atua kurow a mo ne wɔn reko no ano akosi mubedi so.

Veja também