Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 21

Awudi A Wonnim Owudifo No Ho Mpata

1 wohu wɔakum obi da afum asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo no so, na munnim owudifo no a, 2 mo ntuanofo ne atemmufo no bɛkɔ akosusuw ɔkwan a ɛda nea owufo no da ne kurow a ɛbɛn no ntam. 3 Afei, mpanyimfo a wɔwɔ kurow a ɛbɛn owufo no pɛɛ no mfa nantwi ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee konnua da 4 na wonni nʼanim mfa no nkɔ subon a womfuntumii anaa wonnuaa hwee da na nsu sen mu. Subon no mu na ɛsɛ wobu nantwi ba no kɔn mu. 5 Lewifo asɔfo bɛba , efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, paw wɔn wɔnka asɛm na wonhyira Awurade din mu. Na wɔn na wosi ntawntaw ne dɛmdi asenni ne asotwe so dua. 6 Ɛsɛ kurow a ɛbɛn funu no mu mpanyimfo no hohoro wɔn nsa gu nantwi ba a wobuu ne kɔn mu no so, 7 na wɔaka se, "Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛn ani anhu nso. 8 Awurade, gye saa mpata ma wo man Israel a wugyee wɔn no. Mfa mogya a edi bem yi ho so nto wo nkurɔfo Israel so." Wowie eyi a, na ɛkyerɛ , wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afi . 9 wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ nea ɛteɛ Awurade ani so a, na moayi awudi no ho afɔbu afi mo atenae .

Mmea Nnommumfo Aware

10 mokɔ ɔko tia mo atamfo na Awurade, mo Nyankopɔn no, dan wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnommum, 11 na muhu ɔbea hoɔfɛfo bi wɔn mu na, mopɛ mofa no ɔyere a, mutumi ware no. 12 Momfa no mmra mo fi na munyi ne ti, mmubu ne werɛw, 13 na munyi ntade a na ɔhyɛ bere a mokyeree no no ngu . Na ɔntena mo fi nsu nʼagya ne ne na ɔsram akyi ansa na, moatumi akɔ ne ho ɔyere na wo nso woayɛ no okunu. 14 mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no afenaa, efisɛ moagu nʼanim ase.

Abakan Ho Asɛm

15 ɔbarima yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn nea ɔka ho no, na wɔn baanu no mu biara ne no ɔbabarima, nanso nʼabakan no ɔbea a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima, 16 na ɔhyɛ nsamansew de ma ne mmabarima a, ɛnsɛ ɔde kyɛfa kɛse no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima no. 17 Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no nʼabakan no anam so ama no nʼagyapade no mmɔho abien. Saa ɔbabarima no nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan. Ɛno nti, abakan kyɛfa ne dea.

Ɔbabarima A Ɔtew Atua

18 ɔbarima bi ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatewfo a ontie nʼagya ne ne na asɛm bere a wɔteɛ no so a, 19 nea ɛsɛ ɛba ara ne , agya no ne ɛna no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanyimfo a wɔwɔ kurow no pon ano no anim. 20 Wɔbɛpae mu aka akyerɛ mpanyimfo no se, "Yɛn babarima yi ɔsoɔdenfo ne otuatewfo a ontie yɛn asɛm. Ɔyɛ odidifo ne ɔkɔwensani." 21 Ɛba saa a, ɛsɛ mmarima a wɔwɔ kurow no mu nyinaa siw no abo kum no. Ɛsɛ mutu bɔne ase fi mo mu. Israel nyinaa bɛte na wɔabɔ hu.

Mmara Ahorow

22 obi amumɔyɛsɛm bi a ɛfata owu na enti wokum no na wɔde no sɛn dua so a, 23 ɛnsɛ nʼamu no sɛn dua no so ma ade kye so. Ɛsɛ da no ara, musie amu no, efisɛ obiara a wɔsɛn no dua so no Onyankopɔn nnome ase. Munngu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo agyapade no ho fi.

Veja também