Dɔ Awurade, Wo Nyankopɔn No
1 Eyinom ne ahyɛde, mmara ne nhyehyɛe a Awurade mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ me se menkyerɛkyerɛ mo na munni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔfa no so, 2 sɛnea ɛbɛyɛ a mo mma ne wɔn mma besuro Awurade, mo Nyankopɔn, mmere dodow a mote ase no, na moadi ne mmara ne nʼahyɛde a mede ma mo no nyinaa so nyinaa so a mo nkwanna aware. 3 Muntie, Ao Israel, na monhwɛ yiye nni so sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi mo yiye na mo ase atrɛw yiye wɔ asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so no so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no.
4 Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro. 5 Dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. 6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu. 7 Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mote fie anaa monam ɔkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre a, monka ho asɛm. 8 Monkyekye no sɛ agyiraehyɛde mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotiri. 9 Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so.