Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 6:4-9,20-25

4 Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro. 5 Dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. 6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu. 7 Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mote fie anaa monam ɔkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre a, monka ho asɛm. 8 Monkyekye no sɛ agyiraehyɛde mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotiri. 9 Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so.

20 Daakye bi, sɛ mo mma bisa mo se, "Saa mmara ne nʼahyɛde a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de ama mo yi ase ne dɛn?" 21 a monka nkyerɛ wɔn se, "Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim nanso Awurade nam anwonwatumi so yii yɛn fii Misraim. 22 Yɛn ani tua Awurade nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse na ɛyɛ hu a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfo nyinaa. 23 Oyii yɛn fii Misraim sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn. 24 Na Awurade yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yenni mmara no nyinaa so na yɛmfa obu ne nidi mma no sɛnea ɛbɛma asi yɛn yiye daakye sɛnea ɛte nnɛ yi. 25 Efisɛ sɛ yedi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛyɛ yɛn trenee."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.