Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 8

Mommma Mo Werɛ Mfi Awurade

1 Monhwɛ yiye na munni ahyɛde a merema mo nnɛ yi biara so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya nkwa na mo ase adɔ dɔɔso na moakɔfa asase a Awurade kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom no atena so. 2 Monkae sɛnea Awurade mo Nyankopɔn dii mo anim faa sare so mfe aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛe mubedi ne mmara so anaasɛ morenni so no. 3 Nokware, ɔmaa ɔkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase na ɔmaa mo mana, aduan a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da, dii. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo , ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom, asɛm biara a efi Awurade anom. 4 Mfe aduanan yi nyinaa mu, mo ntade antetew na mo anan ammɔ mpumpunnya na anhonhon nso. 5 Munhu mo koma mu , sɛnea ɔbeatan teɛ ne ba no, saa ara nso na Awurade, mo Nyankopɔn, teɛ mo de siesie mo no.

6 Munni Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde so na monnantew nʼakwan so na momfa nidi mma no. 7 Efisɛ mo Awurade de mo rekɔ asase pa so; asase a nsuten, mmura ne nsuti sen abon ne mmepɔw mu; 8 asase a atoko, awi, bobe, borɔdɔma, atoaa, ngodua ne ɛwo so. 9 Ɛyɛ asase a aduan abu so a wonni biribiara ho hia so; asase a ɛso abo adaban na wobetumi atu kɔbere ne mmepɔw mu.

10 mudidi mee a, munhyira Awurade, mo Nyankopɔn, asase pa a ɔde ama mo no nti. 11 Na monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade, mo Nyankopɔn, morenni ne mmara ne nʼahyɛde a merehyɛ mo nnɛ yi so. 12 Anyɛ saa na mudidi na momee na musisi mo afi afɛfɛ, na mokɔtenatena mu 13 na mo anantwi ne nguan ase , na munya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapade nyinaa dɔɔso 14 a, saa bere no na ɛsɛ mohwɛ yiye. Monnyɛ ahomaso na mommma mo werɛ mmfi Awurade mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no. 15 Ɔno na odii mo anim yii mo fii sare a na ɛso hu, asase sakoo a osukɔm so, na awɔ ne nkekantwɛre a wɔn ano bɔre so no so. Ɔmaa mo nsu fi ɔbotan mu. 16 Ɔmaa mo mana aduan a mo agyanom nnim dii sare so. Ɔyɛɛ eyi de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛe na wama awiei no asi mo yiye. 17 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo , ɛnsɛ modwene mo ahonya no fi mo ankasa mo ahoɔden mu. 18 Daa monkae Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔma mo tumi ma moyɛ adefo no, ɔyɛ saa de di apam a ɔne mo agyanom hyɛe no so.

19 mo werɛ fi Awurade, mo Nyankopɔn, na mokodi anyame afoforo akyi, som wɔn, kotow wɔn a, sɛe na wɔbɛsɛe mo. 20 Sɛnea Awurade asɛe amanaman a na wɔwɔ mo anim no, mo nso moantie Awurade, mo Nyankopɔn no a, saa ara na wɔbɛsɛe mo.

Veja também