Pular para o conteúdo
Publicidade

Êxodo 15

Ogye Ho Dwom

1 Na Mose ne Israelfo no too saa dwom yi de kamfoo Awurade:

"Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ

wadi nkonim anuonyam mu;

Watow ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no

agu po mu.

2 "Awurade mʼahoɔden, me dwom

ne me nkwagye.

Ɔyɛ me Nyankopɔn, na mɛkamfo no.

Ɔyɛ mʼagya Nyankopɔn, mɛma no so.

3 Awurade ɔkofo;

ne din ne Awurade.

4 Farao nteaseɛnam ne nʼakofo, watow wɔn agu po mu.

Wɔamemem Po Kɔkɔɔ mu.

Misraim akofo atitiriw

awuwu asorɔkye ase.

5 Nsu akata wɔn so.

Wɔmemem asubun mu ɔbo.

6 Wo nsa nifa, Awurade,

tumi ne anuonyam ahyɛ no ma;

wo nsa nifa, Awurade,

atetew atamfo mu pasaa.

7 "Wo tumi kɛse no mu

na wonam tuu wɔn a wotia wo no gui.

Womaa wʼabufuw

bɛhyew wɔn sɛnea ogya hyew sare.

8 Wugu ahome a,

nsu mu pae.

Egyinaa afasu

maa po taa fa ne fa.

9 Ɔtamfo kae se,

Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn.

Mɛtwe mʼafoa wɔn so

atwitwa wɔn asinasin.

10 Nanso Onyankopɔn bɔɔ ne mframa

ma po kataa wɔn so.

Wɔmemem sumpii

subun no mu.

11 Hena na ɔte Awurade anyame mu?

Hena na ɔte wo?

Obirɛmpɔn, kronkronyɛ mu;

nea yɛde osuro kronkron ma nʼanuonyam,

Ɔnwonwani Nyankopɔn.

12 "Woteɛɛ wo nsa nifa

na asase menee wɔn.

13 Woadi nnipa a wugyee wɔn no anim.

Wʼayamye mu,

wubedi wo nkurɔfo a woagye wɔn anim.

Wʼahoɔden mu, wobɛkyerɛ wɔn kwan

akɔ wo tenabea kronkron .

14 Amanaman bɛte ama wɔn ho apopo.

Ehu bɛka nnipa a wɔwɔ Filistia.

15 Edom mpanyimfo besuro.

Atumfo a wɔwɔ Moab ho bɛwosow.

Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa bɛbɔ huboa.

16 Ehu ne suro bɛtɔ wɔn so.

Awurade, wo tumi nti,

wɔremma yɛn so!

Wo nkurɔfo a wotɔɔ wɔn

Betwa wɔn ho asomdwoe mu.

17 Wode wɔn bɛba abedua wɔn

wo bepɔw so,

wo ara wo fi , Awurade

Kronkronbea a woasiesie wo tenabea no.

18 "Awurade bedi hene

akosi daa."

19 Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafo ne ne nteaseɛnam pɛɛ wɔfa po no mu; nanso Awurade buu nsu afasu no guu wɔn so bere a na Israelfo no nam mu asase wosee so. 20 Ɛhɔ na Odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron nuabea faa akyene bi de dii mmea no anim ma wɔsawee. 21 Ɛnna Miriam too saa dwom yi:

"Monto dwom mma Awurade

na wadi nkonim anuonyam mu.

Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefo

amem po ase."

22 Afei, Mose dii Israelfo no anim ne wɔn tu fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur sare so. Na wɔnantew sare no so nnansa a wɔannya nsu annom. 23 Woduu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsu, efisɛ na ɛyɛ nwene. Ɛno nti na wɔfrɛ Mara no; ase ne: Nweenwen. 24 Enti nnipa no nwiinwii tiaa Mose , "Dɛn na yɛnnom?"

25 Mose srɛɛ Awurade ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dubaa bi. Na ɔtow too nsu no mu, na ɛyɛɛ maa wotumi nomee.

Mara na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn se, 26 "mubetie Awurade mo Nyankopɔn nne, na moayɛ osetie ayɛ ade trenee de a, ɔyare a mema ɛbɔɔ Misraimfo no, meremma bi mmɔ mo, efisɛ mene Awurade a mesa mo nyarewa."

27 Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na mmura dumien ne mmedua aduɔson , nti wosisii wɔn ntamadan, tenaa mmura no ho.

Veja também