11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 12 "Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn se, ‘Anwummere, mubenya nam awe na anɔpa nso mubenya aduan pii adi na mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, no.’ "
13 Anwummere no, nnomaa pii bebuu so wɔ wɔn atenae hɔ na anɔpa no, obosu tɔ guu sare no so maa ɛyɛɛ fɔkyee. 14 Obosu no yowee no, nsinsenii nketenkete bi a ɛte sɛ sukyerɛmma beguu asase no so. 15 Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Dɛn ni?"
Na Mose buaa wɔn se, "Ɛyɛ aduan a Awurade de ama mo sɛ munni no.