Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 2

Mose Awo

1 Na Lewini bi waree ɔbea bi fii Lewi abusuakuw mu. 2 Ɔbea no nyinsɛn woo abarimaa. Abofra no na huu ne ho yiye nti ɔde no siee fie asram abiɛsa. 3 Eduu bere bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yiye nti, ɔde mfea nwenee kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne ama faa ho sɛnea ɛbɛyɛ a, nsu rentumi nkɔ mu. Ɔde abofra no too mu de no kosii asu Nil konkɔn so wura a na ɛwɔ no bi mu. 4 Abofra no nuabea kogyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no.

5 Farao babea kɔɔ asu no mu ɔrekoguare. Bere a ɔne ne mmaawa nam asu no konkɔn so no, ohuu kɛntɛn no ɛhyɛ wuram baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako ɔnkɔfa mmrɛ no. 6 Ɔde bae a obuee so no, ohuu abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhow. Ɔkae se, "Ɔyɛ Hebrifo yi bi ba."

7 Abofra no nuabea a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babea no nkyɛn kobisaa no se, "Menkɔfrɛ Hebrifo mmea no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo ana?"

8 Ɔhene babea no buae se, "Yiw." Enti, abeawa no tuu mmirika kɔɔ fie kɔfrɛɛ abofra no na de no bae. 9 Ɔhene babea no ka kyerɛɛ no se, "Fa abofra no fie na kɔhwɛ no ma me na metua wo ho ka." Enti ɔde no kɔɔ fie kɔhwɛɛ no. 10 Onyin kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babea no ma ogyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkae se, "Mɛto ne din Mose efisɛ miyii no fii nsu mu."

Veja também