Pular para o conteúdo
Publicidade

Êxodo 24

Israelfo Gye Apam No To Mu

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me. 2 Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso , ɛnsɛ wɔn a wɔaka no twiw bɛn bepɔw no koraa."

3 Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa gyee so se, "Yebedi ne nyinaa so." 4 Mose kyerɛw Awurade mmara no nyinaa guu .

Ade kyee anɔpa no, osii afɔremuka bepɔw no ase. Ɔde adum dumien twaa ho hyiae, efisɛ na Israel mmusuakuw no dumien. 5 Afei, ɔsomaa mmabun a wɔwɔ wɔn mu no bi wɔnkɔbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre mma Awurade. 6 Mose sɔn mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, na ɔtow fa a aka no petee afɔremuka no so. 7 Ɔkenkan nhoma a wakyerɛw a ɛyɛ Apam Nhoma a Awurade akwankyerɛ ne ne mmara mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no gyee so bio se, "Yɛhyɛ , yebedi mmara no nyinaa so."

8 Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankye no mu no petee nnipa no so kae se, "Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade ayɛ ne mmara a ɔde ama mo no mu den."

9 Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson no foro kɔɔ bepɔw no so 10 na wohuu Israel Nyankopɔn. Na nʼanan ntiaso hyerɛn te hoabo a ne hyerɛn te wim ahosu. 11 Ɛwɔ mu mpanyimfo no huu Onyankopɔn de, nanso wansɛe wɔn. Nokwarem, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii Awurade anim.

12 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Foro bra me nkyɛn bepɔw so ha na tena ha, na mede mmaransɛm a makyerɛw agu ɔbo so no bɛma wo, na woafa so akyerɛkyerɛ nnipa no."

13 Enti Mose ne ne boafo Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so. 14 Ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no se, "Montena ha ntwɛn yɛn kosi yɛbɛba. asɛm bi kyere obi so a, obetumi akɔ Aaron ne Hur nkyɛn."

15 Mose foro kɔɔ bepɔw no so na ɔyeraa omununkum mu. 16 Na Awurade anuonyam hyɛɛ Sinai bepɔw no so ma. Na omununkum sii bepɔw no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose fii omununkum no mu. 17 Wɔn a wɔwɔ bepɔw no ase no huu anwonwade no. Na Awurade anuonyam a ɛwɔ bepɔw no so no te ogya a ɛredɛw. 18 Na Mose yeraa bepɔw no so mununkum no mu. Odii bepɔw no so adaduanan.

Veja também