Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 31:1-6

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no 3 de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma 4 sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow, 5 sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa. 6 Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne boafo.

"Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ sɛ munni no:

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 "Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu 3 de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. 4 Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ. 5 Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 6 Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ.

    "Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no:

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.