Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 "Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu 3 de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. 4 Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ. 5 Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 6 Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ.
"Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no: