Pular para o conteúdo
Publicidade

Josué 3

Israelfo Twa Asubɔnten Yordan

1 Ade kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfo no nyinaa tu fii Sitim koduu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa. 2 Nnansa akyi no, Israelfo ntuanofo no faa atenae nyinaa 3 maa nnipa no akwankyerɛ , "muhu Lewifo asɔfo no so Awurade, mo Nyankopɔn Apam Adaka no a, munni wɔn akyi. 4 Esiane momfaa ha da no nti, wɔbɛkyerɛ mo kwan. Momma ɔkwansin fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho."

5 Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, "Munnwira mo ho, efisɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwonwade mo mu."

6 Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no se, "Mompagyaw Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no." Ɛno nti wosii mu.

7 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, "Nnɛ, mefi ase ayɛ wo ɔkɛse Israelfo no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahu , meka wo ho sɛnea na meka Mose ho no. 8 Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfo a wɔso Apam Adaka no: mudu Asubɔnten Yordan nsunoa a, monnantew nkɔ nsu no mu kakra na munnyina.’ "

9 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, "Mommra mmetie asɛm a Awurade, mo Nyankopɔn aka. 10 Nnɛ mubehu Onyankopɔn teasefo no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfo, Hetifo, Hewifo, Perisifo, Girgasifo, Amorifo ne Yebusifo. 11 Munnwen ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa ne de no bedi mo anim de mo atwa Asubɔnten Yordan. 12 Afei, munyiyi nnipa dumien a ɔbaako biara fi mmusuakuw dumien no mu. 13 Asɔfo no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. wɔn nan nya si asu no mu ara , nsu no betwa afi atifi ama ano aboa ."

14 Bere a nnipa no sɔree wɔrekotwa Yordan no, asɔfo a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim. 15 Na ɛyɛ otwabere mu nti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfo a wɔso Adaka no anan sii nsu no ano , 16 nsu no ano fitii ase boaa nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ Adam a ɛbɛn Saretan. Na nsu a ɛwɔ anafo no nso sen koguu Nkyene Po no mu kosii asu no subon no yowee. Enti, nnipa no nyinaa twaa beae bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no. 17 Saa bere no mu, asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so subon no mfimfini maa nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛn kosii obiara faa asase kesee so twaa Yordan.

Veja também