Pular para o conteúdo
Publicidade

Oséias 13

Awurade Abufuw A Etia Israel

1 Efraim kasa a, na nnipa ho popo;

wɔma no so Israelman mu.

Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui.

2 Afei wɔkɔ so bɔne ara;

wɔde wɔn dwetɛ ahoni ma wɔn ho,

nsɛsode no nyinaa no.

Adwumfo no nam nyansakwan so na ayeyɛ.

Wɔka nnipa yi ho asɛm se,

"Wɔde nnipa afɔre

na wofew nantwimma ahoni ano."

3 Ɛno nti, wɔbɛyɛ anɔpa omununkum

anɔpa bosu a etu yera,

ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbea

wusiw a ɛfa mfɛnsere mu .

4 "Nanso mene Awurade wo Nyankopɔn,

a miyii wo fii Misraim.

Nnye Onyankopɔn biara nto mu me,

anaa Ogyefo biara me.

5 Mehwɛɛ wo nweatam so,

asase a so hyew yiye no so.

6 Memaa wɔn aduan no, wodi mee;

wɔmee no, wɔyɛɛ ahantan;

na wɔn werɛ fii me.

7 Enti mɛtow ahyɛ wɔn so gyata,

mɛtɛw wɔn akwan ho ɔsebɔ.

8 Mɛtow ahyɛ wɔn so na matetew wɔn mu

te sisi bi a wɔawia ne mma.

Mɛwe wɔn te gyata;

wuram aboa besunsuan wɔn mu.

9 "Wɔasɛe wo, Israel,

efisɛ woasɔre atia me,

me a meyɛ wo boafo.

10 Wo hene he na wabegye wo?

Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no he,

wɔn a wokaa faa wɔn ho se,

Ma me ɔhene ne ahenemmano?

11 Enti mʼabufuw mu, memaa wo ɔhene,

na mʼanibere mu no, miyii no .

12 Efraim afɔdi no wɔaboaboa ano

wɔakyerɛw ne bɔne agu .

13 Ɔbɛte ɔyaw te ɔbea a ɔreko awo,

na abofra no nnim nyansa nti;

bere no du a,

ɔmma awotwaa no ano.

14 "Mɛpata agye wɔn afi ɔda tumi mu.

Megye wɔn afi owu nsam.

Owu, wo nwowɔe he?

Asaman, wo sɛe he?

"Merennya ayamhyehye biara,

15 mpo ɔyɛ yiye ne nuanom mu a.

Apuei mframa a efi Awurade bɛba,

ɛbɛbɔ afi nweatam so;

osu rentɔ asusowbere

na nʼabura bɛyow.

Wɔbɛfom ne koradan mu nneɛma

nea ɛsom bo no nyinaa.

16 Ɛsɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdi to mu,

efisɛ wɔayɛ dɔm atia wɔn Nyankopɔn.

Wɔbɛtotɔ afoa ano;

wɔbɛtotow wɔn mmofra ahwehwe fam,

wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu."

Veja também