Pular para o conteúdo
Publicidade

Amós 3

Wɔfrɛ Adansefoɔ Tia Israel

1 Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa:

2 "Mo nko ara na mayi mo

mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;

enti mɛtwe mo aso

mo bɔne nyinaa ho."

3 Nnipa baanu bɛtumi abom anante,

ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa?

4 Gyata bobom dɔtɔ ase

ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa?

Ɔpɔ so ne buo mu

ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa?

5 Anomaa bɛtɔ afidie mu fam

baabi a wɔnnsum afidie anaa?

Afidie hwan

ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa?

6 wɔhyɛn totorobɛnto kuropɔn mu a

nnipa no ho mpopo anaa?

atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a

ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa?

7 Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi

a ɔnna ne nhyehyeɛ adi

nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no.

8 Gyata no abobom,

hwan na ɔnnsuro?

Otumfoɔ Awurade akasa,

hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm?

9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban

ne Misraim aban:

"Mommoaboa mo ho ano Samaria mmepɔ so;

hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so

ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu."

10 "Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,"

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia

sie wɔn aban mu.

11 Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,

"Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so;

Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu,

na wafo wʼaban."

12 Deɛ Awurade seɛ nie:

"Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye

nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin

firi gyata anom no,

saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa,

wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so Samaria,

ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu Damasko."

13 "Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie," sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.

14 "Ɛda a mɛtwe Israel aso ne nnebɔne ho no,

mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El;

wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn

na abu ahwe fam.

15 Mɛdwiri awɔberɛ efie

ne ahuhuro berɛ efie agu;

na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no

na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,"

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Veja também