Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 16

10 Anisoadehunu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho yɛbɛkɔ Makedonia, ɛfiri , yɛtee aseɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn yɛnkɔka asɛmpa no .

Lidia Adwensakyera

11 Yɛde ɛhyɛn firii Troa kɔɔ Samotrake na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Neapoli. 12 Yɛfiri no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kuro titire a ɛwɔ Makedonia mansini a na Romafoɔ di so no mu. Yɛdii nna kakra saa kuro yi mu.

13 Homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate Yudafoɔ taa hyia mpaeɛ. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmaa bi a wɔbaa no Atwerɛsɛm no. 14 Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ. 15 Wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ yɛn , "mogye tom meyɛ Awurade mu ogyidini ampa ara a, mommɛtena me fie." Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kɔsii yɛpeneeɛ.

Paulo Ne Silas Da Afiase

16 Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a yɛhyia mpaeɛ no, yɛhyiaa afenaa bi a akɔm honhom ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17 Ɔdii yɛne Paulo akyi teateaam , "Saa nnipa yi Ɔsorosoroni Onyankopɔn no asomfoɔ a wɔaba wɔrebɛka nkwagyeɛ ho asɛm akyerɛ mo."

Veja também