Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 16

Paulo Ne Silas Da Afiase

16 Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a yɛhyia mpaeɛ no, yɛhyiaa afenaa bi a akɔm honhom ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17 Ɔdii yɛne Paulo akyi teateaam , "Saa nnipa yi Ɔsorosoroni Onyankopɔn no asomfoɔ a wɔaba wɔrebɛka nkwagyeɛ ho asɛm akyerɛ mo." 18 Yei kɔɔ so ara kɔsii da bi Paulo de ahometeɛ teateaa honhommɔne no , "Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu , tu firi ne mu !" Amonom ara, na honhommɔne no tu firii afenaa no mu.

19 Ɛberɛ a afenaa no wuranom hunuu deɛ ɛma wɔn sika no afiri wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanin anim adwabɔeɛ. 20 Wɔde wɔn brɛɛ mpanin bɔɔ wɔn soboɔ , "Saa nnipa yi Yudafoɔ a wɔde wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ redane yɛn kuro yi ani. 21 Wɔrekyerɛkyerɛ amanneɛ bi a ɛsiane yɛyɛ Romafoɔ enti, yɛn mmara mma yɛn ho ɛkwan yɛgye tom."

22 Nnipadɔm a wɔwɔ no to hyɛɛ wɔn so, na mpanin no tetee Paulo ne Silas ntadeɛ mu, hyɛɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase, na mpanin no hyɛɛ afiase sohwɛfoɔ no ɔnto wɔn mu yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennwane. 24 Afiase sohwɛfoɔ no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn kɔguu afiase dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu.

25 Ɔdasuom a Paulo ne Silas rebɔ mpaeɛ reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ a wɔwɔ no nso retie wɔn no, 26 prɛko , asase wosoo dendeenden maa afiase no nnyinasoɔ nso wosoeɛ maa apono no nyinaa buebueeɛ, na nneduafoɔ no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn teteeɛ. 27 Ɛberɛ a afiase sohwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu afiase no apono no abuebue no, ɔsusuu nneduafoɔ no nyinaa adwane enti ɔtwee ne sekan pɛɛ anka ɔde kum ne ho.16.27 Sɛ ɔdeduani bi dwane a, wɔde ne sohwɛfoɔ si nʼanan mu (12.19). sohwɛfoɔ no kum ne ho, a na aniwuo ne adwendwene biara to atwa. 28 Nanso, Paulo teaam ka kyerɛɛ no , "Nkum wo ho! Yɛn nyinaa ha!"

29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfoɔ no frɛ maa wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopoɔ ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30 Afei, ɔde wɔn firii adi bisaa wɔn , "Awuranom, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa?"

31 Wɔbuaa , "Gye Awurade Yesu di na ɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa." 32 Afei, wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no ne ne fiefoɔ nyinaa. 33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfoɔ yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuro no anim. Afei, ɔmaa wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu. 34 Afiase sohwɛfoɔ yi de Paulo ne Silas kɔɔ efie kɔmaa wɔn aduane diiɛ na ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn, ɛfiri , afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.

Wɔgyaa Asomafoɔ No

35 Adeɛ kyeeɛ no, mpanin no somaa asraafoɔ kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no , "Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ." 36 Afiase sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ Paulo , "Mpanin no asoma abɛka mennyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti, monkɔ asomdwoeɛ mu."

37 Nanso, Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ no , "Yɛyɛ Romafoɔ. Wɔammu yɛn bɔne biara ho na wɔde yɛn baa adwabɔeɛ, bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ mogyaa yɛn sum ase? Dabi! Mpanin no ankasa mmra ha mmɛgyaa yɛn."

38 Asraafoɔ no sane kɔbɔɔ Roma mpanin no amaneɛ. Wɔtee Paulo ne Silas Romafoɔ no, wɔsuroeɛ 39 enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn firii afiase ka kyerɛɛ wɔn wɔmfiri kuro no mu. 40 Paulo ne Silas firii afiase kɔɔ Lidia fie. Wɔkɔtoo anuanom no , hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofirii kɔeɛ.

Veja também