Pular para o conteúdo
Publicidade

Neemias 1

4 Ɛberɛ a metee yeinom no, metenaa ase suiɛ. Nokorɛm, metwaa agyaadwoɔ nna bi, bua daeɛ, bɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ. 5 Afei, mekaa ,

"Ao Awurade, ɔsoro Onyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ kɛseɛ na ɔyɛ ɔnwanwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokorɛ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmaransɛm so no, 6 tie me mpaeɛbɔ. Hwɛ me merebɔ mpaeɛ ma Israelfoɔ anadwo ne awia. Mepae mu ka , yɛayɛ bɔne atia wo. Aane, mpo, me ara me fiefoɔ ne mʼankasa ayɛ bɔne! 7 Yɛayɛ bɔne kɛseɛ yɛanni wo mmaransɛm, wo mmara, ne wʼahyɛdeɛ a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

8 "Mesrɛ , kae asɛm a woka kyerɛɛ wʼakoa Mose , moyɛ bɔne a, mɛtete mo mu akɔ amanaman so. 9 Na mosane ba me nkyɛn, na modi me mmaransɛm so a, mpo, wɔatwa mo asuo asase ano nohoa koraa a, mede mo bɛsane aba baabi a mayi asi wɔnhyɛ me din animuonyam.

10 "Yɛyɛ wʼasomfoɔ, nnipa a wonam wo tumi kɛseɛ so gyee yɛn no. 11 Ao Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaeɛbɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye wɔhyɛ wo animuonyam no mpaeɛbɔ. Mesrɛ , ma ɛnsi me yie ɛberɛ a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔbisa no adom bi yi. Fa hyɛ nʼakoma mu, na ɔnyɛ me adɔeɛ."

Saa mmerɛ no na meyɛ ɔhene nsãhyɛni.

Veja também