Dificuldades
As dificuldades são parte da vida, mas Deus é refúgio certo em todo tempo de angústia. A Bíblia promete que nenhuma adversidade pode separar os filhos de Deus do seu amor.
Deus é refúgio
Deus é nosso refúgio e fortaleza, socorro bem presente nas angústias. Nada poderá nos separar do amor de Cristo.
Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden,
amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara.
Enti sɛ asase ani dan butuw,
na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro,
sɛ po bɔ asorɔkye na ehuru
na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro.
Mese Awurade se, "Ɔyɛ me guankɔbea ne mʼabandennen,
me Nyankopɔn a mewɔ no mu ahotoso."
Mo nnipa, momfa mo ho nto ne so daa;
monka mo koma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,
efisɛ Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea.
Awurade yɛ guankɔbea ma wɔn a wodi wɔn nya no,
ɔyɛ abandennen wɔ ahohia mmere mu.
Wɔn a wonim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,
efisɛ, wo Awurade, wunnyaw obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
Wudi po a ɛworo no so;
nʼasorɔkye bobɔ kɔ soro a, wobrɛ no ase.
Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu,
nea ɔwɔ tumi sen po nworoso,
Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse.
Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn;
po so asorɔkye ano brɛɛ ase.
Hena na obetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa owu na ebetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no ana? Dabi da! Wɔakyerɛw se,
"Wo nti wokum yɛn daa nyinaa;
wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn."
Nanso eyinom nyinaa mu no, yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. Migye di ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa ɔsoro anaa fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛn ne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.
Provisão nas dificuldades
O Senhor provê mesmo nos tempos mais difíceis. Ele sustentou Elias, protegeu Israel e cuida dos seus com fidelidade eterna.
Bere biara na wɔwɔ asikresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekorade mu sɛnea Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no.
Ɔtrɛw omununkum mu kataa wɔn so,
na ogya maa wɔn hann anadwo.
Wobisae, na ɔbrɛɛ wɔn mparuwbo
ɔmaa ɔsoro aduan mee wɔn.
Obuee ɔbotan mu maa nsu fii mu bae;
na ɛsen faa sare no so sɛ asubɔnten.
Na meyɛ aberante, na mprempren mabɔ akwakoraa,
na minhuu ɔtreneeni a Awurade apa nʼakyi
anaasɛ ne mma resrɛ aduan.
Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,
na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.
Ahohiahia bere mu wɔremmrɛ.
Ɔkɔm bere mu wobenya ama abu so.
Na mehwie nsu agu asase a awo no so,
ne nsuten wɔ asase kesee so;
mehwie me Honhom agu wo mma so,
ne me nhyira agu wʼasefo so.
Woayɛ ahiafo guankɔbea,
ohiani mmɔborɔni guankɔbea,
ahum ano ahintawee
ɔhyew mu nwini
na atirimɔdenfo home
te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu
Ɛbɛyɛ hintabea ne onwini wɔ awia anoden mu, na osu ne ahum mu nso, ɛbɛyɛ guankɔbea ne hintabea.
Sɛ wofa nsu mu a,
mɛka wo ho;
na sɛ wutwa nsubɔnten no a,
ɛremmu mfa wo so.
Sɛ wonantew ogya no mu a,
worenhyew;
ogyaframa no renhye wo.
Força nas provas
Em tudo somos atribulados, mas não esmagados. O Senhor é bom e é fortaleza no dia da angústia — Ele conhce os seus.
Yɛtaa hu amane, nanso wɔnsɛee yɛn. Mpo sɛ yenhu nea yɛnyɛ a yɛmpa abaw. Amane mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio.
Awurade ye,
ɔyɛ ahohia mu guankɔbea.
Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.
Ɔbɔ nsu boa hyɛ ne omununkum mu,
nanso nsu no mu duru ntumi mpae no.
Ɔtrɛw ne omununkum mu
de kata ɔsram ani.
Ɔhyɛ agyirae wɔ nsu so
de to ɔhye wɔ hann ne sum ntam.
Wɔbɛbɔ wo ho ban afi ntwirii ho
na sɛ ɔsɛe ba a ɛnsɛ sɛ wusuro.
Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mo a mo gyidi sua, adɛn na moabɔ hu saa?" Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?"
Na sɛ Onyankopɔn tumi fura afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena enni hɔ ntama a, mo a mo gyidi sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo nea ehia mo? Enti munnnwinnwen nea mubedi, nea mobɛnom anaasɛ nea mubefura ho.
Ɔbea no guan kɔɔ sare so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yiye wɔ nnafua mpem ahannu aduosia mu.
Mama mo tumi ne ahoɔden a mode betiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no tumi biara a ɔwɔ so na biribiara nso rentumi mo.