Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 46

Koramma dwom. Wɔto no "alamot" sanku nne so.

1 Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden,

amanehunu mu boafo a ɔwɔ bere biara.

2 Enti asase ani dan butuw,

na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro,

3 po asorɔkye na ehuru

na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro.

4 Asuten bi a

ne nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu,

beae kronkron a Ɔsorosoroni no te.

5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;

Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.

6 Amanaman hoo, na ahenni hwehwe ase;

ɔma ne nne so ma asase nan.

7 Asafo Awurade ka yɛn ho.

Yakob Nyankopɔn yɛn aban.

8 Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma,

ɔsɛe a ɔde aba asase no so.

9 Ɔma akodi gyae kosi asase ano.

Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw;

ɔde ogya hyew nkatabo.

10 Monyɛ komm na munhu me ne Onyankopɔn;

wɔbɛma me so amanaman no mu,

wɔbɛma me so asase so.

11 Asafo Awurade ka yɛn ho;

Yakob Nyankopɔn yɛn aban.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Veja também