Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 4

1 Saa da no, mmea baason

beso ɔbarima baako mu aka se,

"Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhama

na yɛn ankasa apɛ yɛn adurade;

ma wo din nna yɛn so kɛkɛ.

Yi ahohora fi yɛn so!"

Awurade Baa No

2 Saa da no Awurade Baa no bɛyɛ na anya anuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne anuonyam ama Israel nkae no. 3 Wɔn a wɔaka Sion, a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din aka ateasefo ho Yerusalem nyinaa. 4 Awurade bɛhohoro Sion mmea ho fi; ɔde atemmu honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekae a ɛwɔ Yerusalem. 5 Afei, Bepɔw Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano nyinaa, Awurade de wusiw mununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya a ɛdɛw akata wɔn so anadwo; ntama kyinii bɛkata anuonyam yi nyinaa so. 6 Ɛbɛyɛ hintabea ne onwini awia anoden mu, na osu ne ahum mu nso, ɛbɛyɛ guankɔbea ne hintabea.

Veja também