Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 89

Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom.

1 Mɛto Awurade adɔe ho dwom daa daa;

mede mʼano bɛda wo nokwaredi adi awo ntoatoaso nyinaa mu.

2 Mɛka se wʼadɔe no tim daa nyinaa,

na woatim wo nokwaredi ɔsoro ankasa.

3 Wokae se, "Mene onipa a mayi no no ayɛ apam;

maka ntam akyerɛ me somfo Dawid.

4 Mɛma wʼase atim daa

na wʼahengua nso atim awo ntoantoaso nyinaa mu.’ "

5 Awurade, ɔsorosorofo kamfo wʼanwonwade,

na wo nokwaredi nso, wɔkamfo ahotefo asafo mu.

6 Na hena na ɔne wo Awurade ɔsoro ?

Hena na ɔte Awurade ɔsoro abɔde mu?

7 Akronkronfo agyinatufo mu, wosuro Onyankopɔn;

wɔde osuro kɛse ma Onyankopɔn akronkronfo nhyiamu ase.

8 Asafo Awurade Nyankopɔn, hena na ɔte wo?

Wo, Awurade, woyɛ ɔkɛse na wo nokwaredi atwa wo ho ahyia.

9 Wudi po a ɛworo no so;

nʼasorɔkye bobɔ soro a, wobrɛ no ase.

10 Wodwerɛw Rahab atɔfo no mu baako;

wode wo basa dennen no bɔɔ wʼatamfo pansamee.

11 Ɔsoro wo, na asase nso wo;

wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa wo na wufii ase.

12 Wobɔɔ atifi ne anafo.

Tabor ne Hermon de ahosɛpɛw to dwom ma wo din.

13 Tumi ayɛ wo basa ma;

wo nsam ahoɔden, woama wo nsa nifa so.

14 Wʼahengua no fapem trenee ne atɛntrenee;

adɔe ne nokwaredi di wʼanim.

15 Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛnea wɔbɔ wo abodin,

wɔn a wɔnantew wʼanim hann no mu, Awurade.

16 Wogye wɔn ani wo din mu da mu nyinaa;

wodi ahurusi wo trenee mu.

17 Wone wɔn anuonyam ne ahoɔden,

na wʼadom nti yɛyɛ nkonimdifo.

18 Ampa ara, yɛn kyɛm Awurade,

na yɛn hene Israel Kronkronni no.

19 Da bi wokasaa anisoadehu mu,

kyerɛɛ wʼahotefo se,

"Madom ɔkofo bi ahoɔden;

mapagyaw aberante bi afi nnipa no mu.

20 Mahu Dawid, me somfo;

mede me ngo kronkron no asra no.

21 Me nsa bɛwowaw no;

ampa ara me basa bɛhyɛ no den.

22 Ɔtamfo biara renhyɛ no ontua tow;

omumɔyɛfo biara rentumi nhyɛ no so.

23 Mɛdwerɛw nʼatamfo nʼanim

na mabobɔ nʼahohiahiafo ahwe fam.

24 Me nokware adɔe bɛka ne ho,

na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.

25 Mɛtrɛw nʼahye mu akosi po so,

na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔnten so.

26 Ɔbɛfrɛ me aka se, Wone mʼagya,

me Nyankopɔn, me nkwagye botan.

27 Mɛyɛ no mʼabakan,

asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛse.

28 Mɛma mʼadɔe a mewɔ ma no no atena daa,

na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena daa.

29 Mɛma nʼase atim afebɔɔ,

nʼahengua nso betim akosi ɔsoro betwa mu.

30 "ne mmabarima po me mmara

na wɔanni mʼahyɛde so,

31 wobu mʼahyɛde so

na wɔanni me hyɛ nsɛm so a,

32 ɛno de mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔn bɔne ho

na wɔn amumɔyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;

33 Nanso merennyae mʼadɔe a meyɛ ma no no

na mɛkɔ so adi no nokware.

34 Meremmu mʼapam no so

na merensesa nea mede mʼano aka no.

35 Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko,

na merentwa Dawid atoro da,

36 meremma nʼase ntɔre da

na nʼahengua nso betim mʼanim te owia;

37 ebetim daa te ɔsram,

ɔdanseni nokwafo a ɔwɔ wim no."

38 Nanso woapo no, woapa nʼakyi,

wo bo afuw nea woasra no ngo no.

39 Woagu apam a wo ne wo somfo pamee no,

woagu nʼahenkyɛw ho fi mfutuma mu.

40 Woabubu nʼafasu nyinaa

ama nʼabandennen adan nnwiriwii.

41 Wɔn a wotwa mu nyinaa fow no fa;

na wayɛ aniwude ama ne mfɛfo.

42 Woama nʼatamfo nsa nifa so;

ama wɔn nyinaa di ahurusi.

43 Woama nʼafoa ayɛ ɔkwa,

na woannyina nʼakyi ɔko mu.

44 Wode nʼanuonyam aba awiei

na woatow nʼahengua akyene fam.

45 Woatwa ne mmerantebere nna so

na wode animguase nguguso akata no so.

46 Awurade, enkosi da bɛn? Na wode wo ho behintaw?

Wʼabufuwhyew bɛkɔ so adɛw akosi da bɛn?

47 Kae sɛnea me nkwanna twa mu ntɛm so.

Efisɛ woabɔ yɛn nyinaa ade a etwa mu ntɛm so!

48 Hena na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?

Anaasɛ hena na obetumi agye ne ho afi owu tumi nsam?

49 Awurade, ɛhe na wo tete adɔe kɛse no ,

nea wufi wo nokwaredi mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?

50 Kae, Awurade, sɛnea wɔadi wo somfo ho fɛw

ne sɛnea manya koma ama amanaman no akutiabɔ,

51 Awurade, akutiabɔ a wʼatamfo de adi fɛw

de adi nea woasra no ngo no anammɔntu biara ho fɛw.

52 Ayeyi nka Awurade daa!

Amen, Amen.

Veja também