Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 93

1 Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no;

wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade

na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode.

Wɔde wiase atim pintinn;

na wɔrentumi ntutu.

2 Wʼahengua tim fi tete;

na wowɔ fi mmeresanten.

3 Awurade, po ama wɔn ho so,

po ama wɔn nne so;

po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so.

4 Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu,

nea ɔwɔ tumi sen po nworoso,

Awurade a ɔte ɔsoro no ɔkɛse.

5 Awurade, wo nhyehyɛe gyina pintinn;

kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam

daa nyinaa.

Veja também