Publicidade

Dificuldades

Por Bíblia Online

As dificuldades são parte da vida, mas Deus é refúgio certo em todo tempo de angústia. A Bíblia promete que nenhuma adversidade pode separar os filhos de Deus do seu amor.

Deus é refúgio

Deus é nosso refúgio e fortaleza, socorro bem presente nas angústias. Nada poderá nos separar do amor de Cristo.

Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden,

amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ ɛberɛ biara.

Enti asase ani dane butu

na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro,

ɛpo asorɔkye na ɛhuru

na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.

Mɛse Awurade , "Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ,

me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ."

Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa;

monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,

ɛfiri Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea.

Awurade dwanekɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,

ɔyɛ abandenden ahohia mmrɛ mu.

Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,

ɛfiri , wo Awurade, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.

Wodi ɛpo a ɛreworo soɔ so;

nʼasorɔkye bobɔ ɔsoro a, wobrɛ no ase.

Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa,

deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ.

Awurade a ɔte ɔsoro no kɛseɛ.

Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn;

ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase.

Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa? Dabi! Wɔatwerɛ ,

"Wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa;

wɔbu yɛn nnwan a wɔrekɔkum wɔn."

Nanso, yeinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. Megye medi ampa owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

Provisão nas dificuldades

O Senhor provê mesmo nos tempos mais difíceis. Ele sustentou Elias, protegeu Israel e cuida dos seus com fidelidade eterna.

Ɛberɛ biara na wɔwɔ asikyiresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔn adekoradeɛ mu sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛɛ ho no.

Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so,

na ɔde ogya maa wɔn, ɛnyɛ hann anadwo.

Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko.

Ɔmaa ɔsoro aduane mee wɔn.

Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ;

na ɛtenee ɛserɛ no so asubɔnten.

Na meyɛ aberanteɛ, na seesei mabɔ akɔkoraa,

na menhunuu ɔteneneeni a Awurade apa nʼakyi

anaasɛ ne mma resrɛ aduane.

Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,

na wɔn agyapadeɛ bɛtena daa.

Ahohiahia berɛ mu wɔremmrɛ.

Ɛkɔm berɛ mu wɔbɛnya ma abu so.

Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so,

ne asutene asase kesee so;

mɛhwie me Honhom agu wo mma so,

ne me nhyira agu wʼasefoɔ so.

Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea,

ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea,

ahum ano ahintaeɛ

ɔhyeɛ mu nwunu

na atutupɛfoɔ ahome

te ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo

Ɛbɛyɛ hintabea ne enwunu owibɔ ano den mu, na osutɔ ne ahum mu nso ɛbɛyɛ dwanekɔbea ne atɛeɛ.

wofa nsuo mu a,

mɛka wo ho;

na wotwa nsubɔntene no a,

ɛremmu mfa wo so.

wonante ogya no mu a,

worenhye;

ogyaframa no renhye wo.

Força nas provas

Em tudo somos atribulados, mas não esmagados. O Senhor é bom e é fortaleza no dia da angústia — Ele conhce os seus.

Yɛtaa hunu amane, nanso wɔnnsɛee yɛn. Mpo yɛnnim deɛ ɛsɛ yɛyɛ a yɛmpa aba. Amaneɛ mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio.

Awurade ,

ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea.

Nʼani wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.

Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu,

nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no.

Ɔtrɛ ne omununkum mu

de kata ɔsrane ani.

Ɔhyɛ agyiraeɛ nsuo so

de to hyeɛ hann ne esum ntam.

Wɔbɛbɔ wo ho ban afiri kasatwie ho

na ɔsɛeɛ ba a, ɛnsɛ wosuro.

Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?" Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?"

Na Onyankopɔn tumi fira afifideɛ a ɛwɔ ɛnnɛ na ɔkyena ɛnni ntoma a, mo a mo gyidie sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo deɛ ɛhia mo? Enti, monnnwennwene deɛ mobɛdie, deɛ mobɛnom anaasɛ deɛ mobɛfira ho.

Ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yie nnafua apem ahanu ne aduosia mu.

Mama mo tumi ne ahoɔden a mode bɛtiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no tumi biara a ɔwɔ so, na biribiara nso rentumi mo.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-